Scripture
Berɛsosɛm Nwoma A Ɛdi Ɛkan 3
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Berɛsosɛm Nwoma A Ɛdi Ɛkan 3 Bible text
Yeinom ne mmammarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron.Na nʼabakan din de Amnon a ne maame a na ɔfiri Yesreel no din de Ahinoam.Ne ba a ɔtɔ so mmienu no, na ne din de Daniel. Na ne maame a ɔfiri Karmel no din de Abigail.
Ne ba a ɔtɔ so mmiɛnsa no, na wɔfrɛ no Absalom. Na ne maame din de Maaka a na ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa.Ne ba a ɔtɔ so ɛnan din de Adoniya a ne maame din de Hagit.
Ne ba a ɔtɔ so enum no, na wɔfrɛ no Sefatia. Na wɔfrɛ ne maame Abital.Ne ba a ɔtɔ so nsia no din de Yitream a na wɔfrɛ ne maame Egla.
Wɔwowoo mmammarima baasia yi nyinaa maa Dawid wɔ Hebron. Ɔdii adeɛ wɔ hɔ mfirinhyia nson ne fa.Dawid yii kuropɔn no kɔɔ Yerusalem, na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduasa mmiɛnsa wɔ hɔ.
Mmammarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Yerusalem no ne:Simea, Sobab, Natan ne Salomo. Amiel babaa Batseba na ɔwoo saa mmarima yi.
Yeinom ne Dawid mmammarima a ne mpena mma nka ho. Na Dawid wɔ ɔbabaa bi a wɔfrɛ no Tamar.
Na Yosia mmammarima neYohanan a ɔyɛ abakan,Yehoiakim a ɔtɔ so mmienu,Sedekia a ɔtɔ so mmiɛnsa,ɛnna Salum a ɔtɔ so ɛnan.
Na Pedaia mmammarima yɛSerubabel ne Simei.Na Serubabel mmammarima yɛMesulam ne Hanania. Na ɔwɔ ɔbabaa nso a ne din de Selomit.
Na Hanania mmammarima din dePelatia ne Yesaia. Na Yesaia babarima din de Refaia. Na Refaia babarima din de Arnan. Na Arnan babarima din de Obadia. Na Obadia babarima din de Sekania.
Na Sekania asefoɔ yɛSemaia ne ne mmammarima Hatus, Igal, Baria, Nearia ne Safat. Na wɔn nyinaa yɛ baasia.
Na Elioenai mmammarima din deHodawia, Eliasib, Pelaia, Akub, Yohanan, Delaia ne Anani. Na wɔyɛ baason.