Scripture
Berɛsosɛm Nwoma A Ɛdi Ɛkan 1
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Berɛsosɛm Nwoma A Ɛdi Ɛkan 1 Bible text
Na Kus asefoɔ ne Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefoɔ yɛ Saba ne Dedan.
Na Sem asefoɔ yɛ Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.Aram asefoɔ ne Us, Hul, Geter ne Mas.
Eber woo mmammarima baanu. Abakan no din de Peleg a asekyerɛ ne “nkyekyɛmu” ɛfiri sɛ, ne berɛ so na nnipa a wɔwɔ ewiase mu kyekyɛ kɔɔ kasa ahodoɔ mu na wɔbɔ hweteeɛ. Nʼakyiri ba no din de Yoktan.
Na Abraham mpena Ketura mmammarima ne Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua.Na Yoksan asefoɔ yɛ Seba ne Dedan.
Na Midian mmammarima ne Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa.Yeinom nyinaa yɛ Abraham ne ne mpena Ketura mmammarima.
Na Sobal mmammarima yɛ Alian, Manahat, Ebal, Sefi ne Onam.Sibeon mmammarima yɛ Aya ne Ana.
Yeinom ne ahemfo a wɔdii Edom so ansa na Israelfoɔ renya ahemfo:Beor babarima Bela, a ɔtenaa kuropɔn Dinhaba so dii ɔhene.
Husam owuo akyi Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a ɔkɔdii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkuro no edin Hawit.
Baal-Hanan wuiɛ no, Hadad tenaa kuropɔn Pai mu dii ɔhene. Na ne yere a wɔfrɛ no Mehetabel no yɛ Matred babaa ne Me-Sahab nso nana.