Skip to main content

Scripture

Odiyifo Sefania Nhoma 2

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Sefania Nhoma 2 Bible text

AKCB: 1AKCB

Mommoaboa mo ho ano, mommoaboa mo ho ano,mo, animguaseman,

AKCB: 2AKCB

ansa na bere a wɔahyɛ no adu,na da no resen te sɛ ntɛtɛ,ansa na Awurade abufuwhyew noaba mo so,ansa na Awurade abufuw da noaba mo so.

AKCB: 3AKCB

Monhwehwɛ Awurade, ahobrɛasefo a mowɔ asase so,mo a moyɛ nʼahyɛde.Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase;ebia ɔbɛkora mo so Awurade abufuw da no.

AKCB: 4AKCB

Wobegyaw Gasana wɔagyaw Askelon sɛ amamfo.Owigyinae na wɔbɛma Asdod ada mpa muna wɔatutu Ekron ase.

AKCB: 5AKCB

Munnue, mo a mote mpoano,mo Keretifo; Awurade asɛm tia mo.Kanaan, Filistifo asase.Mɛtɔre mo ase,na obiara renka.

AKCB: 6AKCB

Asase a ɛda mpoano, faako a Keretifo tebɛyɛ atenae ama nguanhwɛfone wɔn nguannan.

AKCB: 7AKCB

Saa asase no bɛyɛ Yudafi nkae no de;ɛhɔ na wobenya mmoa adidibea.Anwummere, wɔbɛdeda wɔAskelon afi mu.Na Awurade, wɔn Nyankopɔn bɛhwɛ wɔn,na ɔde wɔn ahonyade nyinaa bɛsan ama wɔn.

AKCB: 8AKCB

“Mate Moab nsopa neAmonfo atweetwee;wɔn a wɔsopaa me nkurɔfona wohunahunaa wɔn wɔ wɔn asase ho.

AKCB: 9AKCB

Enti sɛ mete ase yi,”sɛnea Asafo Awurade,Israel Nyankopɔn, se ni,“Ampa ara Moab bɛyɛ sɛ Sodom,na Amonfo ayɛ sɛ Gomora,faako a nwura ne nkyene amoa wɔ,bɛyɛ asase a ɛda mpan afebɔɔ.Me man nkae bɛfow wɔn afa;me manfo a wobenya wɔn ti adidi mu no bɛfa wɔn asase.”

AKCB: 10AKCB

Wɔn ahantan so akatua a wobenya ni,sɛ wɔyeyaw na wodi Asafo Awurade nkurɔfo ho fɛw nti.

AKCB: 11AKCB

Awurade ho suro bɛba wɔn sobere a ɔbɛsɛe asase no so anyame nyinaa.Mpoano aman nyinaa bɛsɔre no,wɔ wɔn ankasa wɔn asase so.

AKCB: 12AKCB

“Mo Etiopiafo nso,mʼafoa ano na wobekunkum mo.”

AKCB: 13AKCB

Awurade bɛteɛ ne nsa wɔ atifi aman sona wasɛe Asiria,na wama Ninewe ada mpan koraana so awo wosee sɛ nwea pradada so.

AKCB: 14AKCB

Nguankuw ne anantwi bɛdeda hɔ,mmoadoma nyinaa.Sare so patu ne abonsamnomabɛtena nʼadum no so.Wɔn su begyigye afa mfɛnsere mu,nnwiriwii besisiw apon ano akwan,mpuran a wɔde sida ayɛ no ho bɛdeda hɔ.

AKCB: 15AKCB

Eyi ne kuropɔn a edi ahurusina ɛte asomdwoe mu.Ɔhoahoaa ne ho se,“Me ne no, obiara nte sɛ me.”Hwɛ sɛnea atetew apansam,na ayɛ nkekammoa atenae!Obiara a otwa mu wɔ hɔ no serew no,him ne nsa fɛwdi so.