Skip to main content

Scripture

Odiyifo Sefania Nhoma 1

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Sefania Nhoma 1 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba, Gedalia ba, Amaria ba, Hesekia ba nkyɛn ni. Ɛbaa Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba no bere so.

AKCB: 2AKCB

“Mɛpra biribiara afi asase so”nea Awurade se ni,

AKCB: 3AKCB

“Mɛpra nnipa ne mmoa nyinaa;mɛpra nnomaa a wɔwɔ wimne mpataa a wɔwɔ po mu nyinaa.Atirimɔdenfo benya wura a esum hɔ nko ara,sɛ mesɛe adesamma a wɔwɔ asase yi so a,”nea Awurade se ni.

AKCB: 4AKCB

“Mɛteɛ me nsa wɔ Yudane wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa so;na mɛsɛe Baal ho biribiara a aka wɔ ha,na masɛe abosonsomfo ne akɔmfo asɔfo no din

AKCB: 5AKCB

wɔn a wɔkotow sɔre wɔn adan atifi,de sɔre abɔde a ɛwɔ wim,wɔn a wɔkotow de Awurade ka ntamna wɔde Molek nso ka ntam,

AKCB: 6AKCB

wɔn nso a wogyae Awurade akyidina wɔnhwehwɛ Awurade anaa wommisa nʼase.”

AKCB: 7AKCB

Monyɛ komm wɔ Asafo Awurade anim,efisɛ, Awurade da no abɛn. Awurade asiesie afɔrebɔde;wadwira wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no ho.

AKCB: 8AKCB

“Awurade afɔrebɔ da no,mɛtwe mmapɔmmane ahenemmane wɔn a wɔhyehyɛananafo ntade nyinaa aso.

AKCB: 9AKCB

Saa da no mɛtwe wɔna wɔkwati apongua no nyinaa aso.Wɔn a wɔde akakabensɛmne asisi hyehyɛ wɔn abosomfi amaama no.

AKCB: 10AKCB

“Saa da no,”sɛnea Awurade se ni,“Osu befi Mpataa Pon ano,agyaadwotwa befi Atenae Foforona nnyigyei a ano yɛ den afi nkoko no so aba.

AKCB: 11AKCB

Muntwa adwo, mo a mote adetɔnbea hɔ nowɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di gua ase,dwetɛ aguadifo nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn.

AKCB: 12AKCB

Mede akanea bekyin ahwehwɛ Yerusalem muna matwe wɔn a wogyaagyaa wɔn ho aso,wɔn a wɔte sɛ bobesa puw no,a wodwen se, ‘Awurade renyɛ hweesɛ ɛyɛ papa anaa bɔne no.’

AKCB: 13AKCB

Wɔbɛfom wɔn ahonyade,na wɔabubu wɔn afi agu.Wobesisi afi, nanso wɔrentena muwɔbɛyɛ bobe mfuwnanso wɔrennom mu nsa.”

AKCB: 14AKCB

Awurade da kɛse no abɛn,abɛn na ɛreba ntɛm so.Tie! Osu a wobesu Awurade da no bɛyɛ yaw,ɔkofo a ɔwɔ hɔ nso nteɛmu bɛyɛ saa ara.

AKCB: 15AKCB

Saa da no bɛyɛ abufuw da,ɛyɛ ahoyeraw ne ɔyaw da;ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛe da,ɛyɛ esum ne kusukuukuu daɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ da,

AKCB: 16AKCB

ɛyɛ ntorobɛntohyɛn ne ɔko nteɛmua etia nkuropɔn a ɛwɔ bammɔne ntwɔtwɔw so abantenten da.

AKCB: 17AKCB

“Mede awerɛhow bɛba nnipa no sona wɔbɛnantew sɛ anifuraefo,efisɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade.Wobehwie wɔn mogya agu sɛ mfutuma,na wɔn ayamde nso sɛ atantanne.

AKCB: 18AKCB

Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔrentumi nnye wɔn nkwawɔ Awurade abufuw da no.”Ne ninkutwe mu gya nobɛhyew ɔman no nyinaa,na ɔbɛma asase no so tefo nyinaa nkwaaba awiei mpofirim.