Skip to main content

Scripture

Odiyifo Sefania Nhoma 3

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Sefania Nhoma 3 Bible text

AKCB: 1AKCB

Nnome nka nhyɛsofo kuropɔnatuatew kuropɔn a ho agu fi!

AKCB: 2AKCB

Ɔnyɛ osetie mma obiaraonnye nteɛso biara nto mu.Ɔmfa ne ho nto Awurade so.Ontwiw mmɛn ne Nyankopɔn.

AKCB: 3AKCB

Nʼakannifo yɛ gyata a wɔbobɔ mu,ne sodifo yɛ mpataku a wɔnam anadwo,a wonnya biribiara mma adekyee.

AKCB: 4AKCB

Ne nkɔmhyɛfo yɛ ahantan;wɔyɛ afatwafo.Nʼasɔfo gu kronkronbea ho fi.Wɔnam mmara no so di nsɛmmɔne.

AKCB: 5AKCB

Awurade a ɔte ne mu no yɛ ɔtreneeni;ɔnyɛ mfomso biara.Adekyee biara, ɔda ne trenee adi,na onni huammɔ da,nanso amumɔyɛfo de, wonnim aniwu.

AKCB: 6AKCB

“Masɛe amanaman;madwiriw wɔn abandennen agu.Wɔn mmorɔn so adeda mpan,a obiara ntwa mu hɔ.Wɔasɛe wɔn nkuropɔn;a obiara renka.

AKCB: 7AKCB

Meka kyerɛɛ kuropɔn no se,‘ampa ara wubesuro mena woagye nteɛso ato mu!’Na afei ne tenabea rensɛe,na mʼasotwe biara nso remma no so.Nanso wɔn ho peree wɔnsɛ wɔbɛkɔ so ayɛ bɔne, wɔn nneyɛe nyinaa mu.

AKCB: 8AKCB

Enti twɛn me,” sɛnea Awurade se ni,“na da no mɛsɔre adi adanse.Mayɛ mʼadwene sɛ mɛboaboa amanamanne ahenni anona mahwie mʼabufuw agu wɔn somʼabufuwhyew nyinaa.Me ninkutwe abufuw gya mu no,asase nyinaa bɛhyew.

AKCB: 9AKCB

“Afei medwira nnipa no ano,na wɔn nyinaa abɔ Awurade dinna wɔaka abɔ mu asom no.

AKCB: 10AKCB

Mʼasomfo, me nkurɔfo a wɔabɔ ahwete nobefi nsubɔnten a ɛwɔ Kus nohɔde wɔn afɔrebɔde abrɛ me.

AKCB: 11AKCB

Saa da no, wo Yerusalem, wɔrengu wʼanim asewɔ nneyɛe bɔne a woayɛ atia me ho,efisɛ meyi afi saa kuropɔn yi mu,wɔn a wodi ahantan mu ahurusi,na worenyɛ ahantan biowɔ me bepɔw kronkron no so.

AKCB: 12AKCB

Nanso megyaw wɔ wo muwɔn a wodwo na wɔbrɛ wɔn ho ase,na wɔde wɔn ho to Awurade so no.

AKCB: 13AKCB

Wɔrenyɛ bɔne biara;wɔrenka nkontomposɛm,na wɔn ano renka nnaadaasɛmwobedidi na wɔada,na obiara renyi wɔn hu.”

AKCB: 14AKCB

To dwom, Ɔbabea Sion;teɛ mu dennen, Israel!Ma wʼani nnye, na di ahurusi wɔ wo koma nyinaa mu,Ɔbabea Yerusalem!

AKCB: 15AKCB

Efisɛ Awurade ayi wʼasotwe afi wo so,wama wo tamfo asan nʼakyi. Awurade, Israelhene ka wo ho;worensuro ɔhaw biara bio.

AKCB: 16AKCB

Saa da no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem se,“Nsuro, Sion!Mma wo nsa mu ngow.

AKCB: 17AKCB

Awurade wo Nyankopɔn ne wo wɔ hɔ,Ɔyɛ ogyefo ɔhoɔdenfo.Nʼani begye wo hone dɔ mu, ɔrenka wʼanim bio,ɔde nnwonto bedi wo ho anigye.”

AKCB: 18AKCB

“Meyi wɔn a wodi awerɛhowwɔ wʼafahyɛnna ahorow a woahwere;a ayɛ adesoa ne animguase ama wo no ho.

AKCB: 19AKCB

Saa bere no me ne wɔna wɔhyɛɛ wo so nyinaa bedi.Megye mmerɛwyɛfona mɛboaboa wɔn a wɔabɔ wɔn ahwete no ano.Mɛkamfo wɔn ahyɛ wɔn anuonyamasase biara a woguu wɔn anim ase wɔ so no so.

AKCB: 20AKCB

Saa bere no, mɛboaboa mo ano;saa bere no, mede mo bɛba fie.Mɛhyɛ wo anuonyam na makamfo mowɔ asase so nnipa nyinaa mubere a mede mo ahonyade bɛsan ama wona mode mo ani behu no,”sɛnea Awurade se ni.