Skip to main content

Scripture

Odiyifo Habakuk Nhoma 3

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Habakuk Nhoma 3 Bible text

AKCB: 1AKCB

Saa mpaebɔ yi, Habakuk too no sɛ dwom:

AKCB: 2AKCB

Awurade, mate wo ho nsɛm nyinaa,Na wʼanwonwadwuma a woayɛ no, me ho adwiriw me.Yɛ no foforo wɔ yɛn mmere so.Yɛn mmere yi mu, ma wonhu.Wʼabufuwhyew mu no, kae wo mmɔborɔhunu.

AKCB: 3AKCB

Onyankopɔn fi Teman bae,Ɔkronkronni a ofi Bepɔw Paran so,Nʼanuonyam kata ɔsoro,na nʼayeyi hyɛ asase so ma.

AKCB: 4AKCB

Ɔhyerɛn sɛ anɔpawiaHann no nsensanee twa yerɛw fi ne nsam,Ɛhɔ na ne tumi ahintaw.

AKCB: 5AKCB

Ɔyaredɔm di nʼanim kɔ;Na nsanyare di nʼakyi pɛɛ.

AKCB: 6AKCB

Sɛ ogyina a, asase wosow.Sɛ ɔhwɛ a, ɔma aman wosow.Tete mmepɔw dwiriwii,na nkoko a efi tete no ka kataa so.Nʼakwan ntwa mu da.

AKCB: 7AKCB

Mihuu Kusanfo ntamadan a atetewne Midianfo atenae a agyigya.

AKCB: 8AKCB

Awurade, wo bo fuw nsubɔnten no?Wʼabufuw no tiaa nsuwansuwa no?Wosɔre tiaa po,bere a wo ne wʼapɔnkɔne nkonimdi nteaseɛnam nam no.

AKCB: 9AKCB

Wuyii wo tadua,Woma wɔde agyan bebree brɛɛ wo.Wode nsubɔnten paapae asase mu.

AKCB: 10AKCB

Mmepɔw huu wo, na wɔwosoweeOsuhweam bɛsen kɔe.Bun no woroo so,na ehuru baa soro.

AKCB: 11AKCB

Owia ne ɔsram gyinagyinaa sorosoro hɔ,bere a wohuu wʼagyan a ɛnenam wim no hann,ne wo peaw a ɛpa yerɛw yerɛw no.

AKCB: 12AKCB

Wʼabufuwhyew mu no, wonantew twaa asase sona wode abufuw tiatiaa aman no so.

AKCB: 13AKCB

Wobaa se worebegye wo nkurɔfo,na woagye nea wɔasra no no nkwa.Wopɛtɛw atirimɔdenfoman no kannifo,wopaa ne ho ntama fi ne ti so kosii ne nan ase.

AKCB: 14AKCB

Wode nʼankasa peaw hwirew ne ti mu,bere a nʼakofo bɔɔ yerɛdɛ sɛ wɔrebɛhwete yɛn mu.Wɔpɛɛ sɛ wɔbɛtɔremmɔborɔfo a wɔakɔ agua no ase koraa.

AKCB: 15AKCB

Wode wʼapɔnkɔ tiatiaa po no mu,ma asu kɛse no hurui.

AKCB: 16AKCB

Metee no, me koma tui,nnyigyei no maa mʼano poo biribiri;ɔporɔw hyɛn me nnompe mu,na me nan wosowee.Nanso mɛtɔ me bo ase atwɛn akosi sɛamanehunu da bɛba ɔman a wɔtow hyɛɛ yɛn so no so.

AKCB: 17AKCB

Ɛwɔ mu, borɔdɔma nnua no nguu nhwiren,na aba nso nni bobe no so;ɛwɔ mu, ngodua no adi huammɔna mfuw no mmɔ aduan.Ɛwɔ mu, nguan biara nni buw no mu,na anantwi nso nni ban no mu.

AKCB: 18AKCB

Nanso mʼani begye Awurade mu;me ho bɛsɛpɛw me wɔ Onyankopɔn aɔyɛ mʼagyenkwa no mu.

AKCB: 19AKCB

Otumfo Awurade yɛ mʼahoɔden.Ɔma me nan yɛ sɛ ɔforote de,ɔma me nantew sorɔnsorɔmmea.Wɔmfa mpae yi mma nnwonto kwankyerɛfo no. Na wɔnto no wɔ mʼasanku no so.