Skip to main content

Scripture

Nnwom Mu Dwom 8

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom Mu Dwom 8 Bible text

AKCB: 1AKCB

Sɛ anka woyɛɛ me nuabarimaa wunum me na nufu ano,na mihuu wo wɔ abɔnten so a,anka mefew wʼano,a obiara rentumi mmu me animtiaa.

AKCB: 2AKCB

Anka medi wʼanimna mede wo aba me na fi,ɔno a wakyerɛkyerɛ me.Anka mɛma wo bobesa a wɔde pɛprɛ afra mu,me ntunkum mu nsu dɔkɔdɔkɔ no bi.

AKCB: 3AKCB

Ne nsa benkum da mʼatikona ne nsa nifa aka me afam ne bo.

AKCB: 4AKCB

Yerusalem mmabea, mehyɛ mo sɛ,morennyan na morenhwanyan ɔdɔ mukosi bere a ɛsɛ mu.

AKCB: 5AKCB

Hena na ofi sare so reba aotweri ne dɔfo koko mu yi?Ababaa:Mekanyan wo wɔ aprɛ dua no ase;ɛhɔ na wo na nyinsɛnee wo,ɛhɔ na nea ɔkoo awo no woo wo.

AKCB: 6AKCB

Fa me to wo koma so sɛ nsɔwanode,sɛ nsɔwanode wɔ wʼabasa so,efisɛ ɔdɔ ano yɛ den sɛ owu,ne ninkutwe tim hɔ sɛ ɔda.Ɛhyehye sɛ ogyatannaa,sɛ ogyatannaa a ano yɛ den pa ara.

AKCB: 7AKCB

Nsu dodow rentumi nnum ɔdɔ;nsubɔnten rentumi nhohoro nkɔ.Sɛ obi de ne fi ahonya nyinaa bɛsesa ɔdɔ aanka wɔremmu no ade a ɛsom bo.

AKCB: 8AKCB

Yɛwɔ nuabea akumaa bi a,ne nufu mmobɔɔ ɛ.Dɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabea yiwɔ da a wobebisa no ase?

AKCB: 9AKCB

Sɛ ɔyɛ ɔfasu a,yebesi dwetɛ abantenten abɔ ne ho ban.Sɛ ɔyɛ ɔpon a,yɛde sida besiw ne pon ano kwan.

AKCB: 10AKCB

Meyɛ ɔfasu,na me nufu te sɛ abantenten.Enti nʼani so no mayɛ sɛ obi aɔde nea ɛsɔ ani reba.

AKCB: 11AKCB

Na Salomo wɔ bobeturo wɔ Baal-Hamon;ɔde ne bobeturo no maa apaafo.Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara tua nonnwetɛbona apem.

AKCB: 12AKCB

Nanso me bobeturo yi yɛ me de.Me de, meremfa mma;Salomo de ne de gye nnwetɛbona apem,na otua nʼapaafo nnwetɛbona ahannu ma wɔhwɛ ne nnuaba no so.

AKCB: 13AKCB

Wo a wote turo no mune nnamfonom a wɔka wo ho,ma mente wo nne.

AKCB: 14AKCB

Bra ma yɛnkɔ, me dɔfo,na yɛ wo ho sɛ ɔdabɔ baanaasɛ ɔforote ba aɔwɔ mmepɔw a nnuhuam ahyɛ so ma so.