Skip to main content

Scripture

Nnwom Mu Dwom 7

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom Mu Dwom 7 Bible text

AKCB: 1AKCB

Wo nan ne mpaboa yɛ fɛ,Ɔdehye babea!Wʼanantu a wugyina so te sɛ abohemaa,odwumfo nsa ano adwuma.

AKCB: 2AKCB

Wo funuma yɛ kuruwa a enni nsaa nsa pa wɔ mu bere biara.Wo sisi yɛ atoko a wɔaboa anona sukooko atwa ho ahyia.

AKCB: 3AKCB

Wo nufu te sɛ atwemma abien,atwemma nta.

AKCB: 4AKCB

Wo kɔn te sɛ asonse abantenten.Wʼaniwa aba te sɛ Hesbon ntadea ɛwɔ Bat Rabim pon nkyɛn.Wo hwene te sɛ Lebanon abantentena ɛkyerɛ Damasko no.

AKCB: 5AKCB

Wo ti si so sɛ Karmel Bepɔw.Wo tinwi te sɛ adehyetam a wɔadi mu adwinni;wo tinwi atenten no kyere ɔhene dommum.

AKCB: 6AKCB

Wo ho yɛ fɛ, ɔdɔ,wo ho yɛ anigye na ɛma ahomeka ara!

AKCB: 7AKCB

Wo sibea te sɛ abɛ dua,na wo nufu te sɛ aduaba kasiaw.

AKCB: 8AKCB

Mekae se, “Mɛforo abɛ dua no;na maso nʼaba mu.”Wo nufu nyɛ sɛ bobe kasiaw,na wo home mu hua nyɛ sɛ aprɛ.

AKCB: 9AKCB

Na wʼanom hua nyɛ sɛ bobesa papa.Ababaa:Ma bobesa no nkɔ me dɔfo hɔ tee,ɛnsen mfa nʼanofafa ne ne se no so brɛoo.

AKCB: 10AKCB

Meyɛ me dɔfo de,na nʼapɛde ne me.

AKCB: 11AKCB

Bra, me dɔfo; ma yɛnkɔ akuraa,ma yɛnkɔda akuraa anadwo baako.

AKCB: 12AKCB

Ma yɛnkɔ bobeturo mu ntɛmnkɔhwɛ sɛ bobe no agu nhwiren,sɛ nhwiren no apaapae,anaasɛ ntunkum no ayɛ frɔmfrɔm.Ɛhɔ na mede me dɔ bɛma wo.

AKCB: 13AKCB

Adesaa yi ne hua,na akɔnnɔduan nyinaa begu yɛn pon ano,foforo ne dedaw,a mede asie ama wo, me dɔfo.