Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 1

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 1 Bible text

AKCB: 1AKCB

Saa anisoadehu a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho no baa Amos babarima Yesaia so wɔ Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia mmere so.

AKCB: 2AKCB

Ɔsoro, muntie! Asase, yɛ aso!Na Awurade akasa:“Matetew mma ama wɔanyinyin,nanso wɔatew me so atua.

AKCB: 3AKCB

Nantwi nim ne wura,afurum nso nim ne wura mmoa adididaka,nanso Israel nnim,me nkurɔfo nte ase.”

AKCB: 4AKCB

Nnome nka, amumɔyɛ man,ɔman a wɔn afɔdi so,nnebɔneyɛfo kuw,mma a porɔwee ahyɛ wɔn ma!Wɔatwe wɔn ho afi Awurade ho;wɔapo Israel Kronkronni no,wɔadan wɔn akyi akyerɛ no.

AKCB: 5AKCB

Adɛn nti na mopɛ sɛ wɔkɔ so boro mo?Adɛn nti na moda so tew atua?Wɔapira mo ti,na mo koma nso di yaw.

AKCB: 6AKCB

Efi mo nan ase kosi mo ti so,ahomeka biara nni mu,apirakuru ne ahonhon nko araakuru a anim deda hɔna wɔnhohoro so anaa wɔnkyekyereeanaa wɔmfaa ngo nsrasraa so ɛ.

AKCB: 7AKCB

Mo man ada mpan,wɔde ogya ahyehyew mo nkuropɔn;ananafo regye mo mfuwa mo ani tua,na asɛe sɛnea ɛyɛɛ bere a ahɔho tuu mo gui no.

AKCB: 8AKCB

Wɔagyaw Ɔbabea Sionte sɛ bobeturo mu sesete sɛ akuraa a esi ɛfere afuw mu,te sɛ kuropɔn a atamfo atwa ho ahyia.

AKCB: 9AKCB

Sɛ Asafo Awuradeannyaw yɛn asefo a,anka yɛayɛ sɛ Sodom,na yɛadan ayɛ sɛ Gomora.

AKCB: 10AKCB

Muntie Awurade asɛm,mo Sodom sodifo;muntie yɛn Nyankopɔn mmara,mo Gomorafo!

AKCB: 11AKCB

“Mo afɔrebɔ ahorow bebree no,dɛn na ɛyɛ ma me?”Sɛnea Awurade se ni.“Mewɔ ɔhyew afɔrebɔde ma ɛboro so,nea ɛyɛ adwennini ne mmoa a wɔadɔ srade;mʼani nnyeanantwinini, nguantenmma ne mpapo mogya ho.

AKCB: 12AKCB

Sɛ moba mʼanim ahena na obisa eyi fi mo hɔ,sɛ mutiatia me fi yi?

AKCB: 13AKCB

Munnyae afɔrebɔde a ɛmfra a mode ba no!Mo aduhuam yɛ me tan.Ɔsram foforo, homenna ne nhyiamu ahorow,mo nhyiamu hunu no afono me.

AKCB: 14AKCB

Mo ɔsram foforo afahyɛ ne mo aponto a moahyehyɛ,me kra kyi.Ayɛ adesoa ama me;masoa abrɛ.

AKCB: 15AKCB

Sɛ momema mo nsa so bɔ mpae a,meyi mʼani ato nkyɛn.Sɛ mobɔ mpae bebree mpo amerentie.“Mogya bebree agu mo nsa ho fi.

AKCB: 16AKCB

“Munnwira mo ho na mo ho ntew.Munnyi mo nnebɔne mfi mʼani so!Munnyae bɔneyɛ,

AKCB: 17AKCB

Monyɛ papa! Monhwehwɛ atɛntrenee.Monhyɛ wɔn a wɔhyɛ wɔn so nkuranMunni mma ayisaa,monka akunafo nsɛm mma wɔn.

AKCB: 18AKCB

“Afei mommra na yennwen mmɔ mu,”sɛnea Awurade se ni.“Sɛ mo bɔne te sɛ ɔkɔben a,ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma;mpo sɛ ɛyɛ kɔkɔɔ te sɛ mogya aɛbɛyɛ fitaa sɛ asaawa mfuturu.

AKCB: 19AKCB

Sɛ mopene so na moyɛ osetie a,mubedi asase no so nnepa.

AKCB: 20AKCB

Na sɛ moampene na motew atua a,afoa bedi mo nam.” Awurade na wakasa.

AKCB: 21AKCB

Hwɛ sɛnea kuropɔn nokwafo noadan oguamanfo.Bere bi, na atɛntrenee ahyɛ no mana anka trenee te ne mu,nanso mprempren, awudifo ahyɛ mu ma!

AKCB: 22AKCB

Wo dwetɛ adan ade a so nni mfaso,wɔde nsu afra wo nsa papa mu.

AKCB: 23AKCB

Wo sodifo yɛ atuatewfo,akorɔmfo yɔnkonom;wɔn nyinaa pɛ adanmude,na wɔpere akyɛde ho.Wonni mma ayisaa;na akunafo nsɛm nkɔ wɔn anim.

AKCB: 24AKCB

Enti, Awurade, Asafo Awurade,nea ɔyɛ Ɔkɛse ma Israel no ka se,“Aa, menya ahomegye afi mʼatamfo hɔna matɔ wɔn so were.

AKCB: 25AKCB

Mɛma me nsa so, atia mo;mɛhohoro mo ho fi korakorana mayi mo ho nkekae nyinaa.

AKCB: 26AKCB

Mɛma mo atemmufo bio sɛ kan no,ne mo afotufo sɛnea na ɛte, mfiase no.Eyi akyi no, wɔbɛfrɛ woKuropɔn Trenee,Kuropɔn Nokwafo.”

AKCB: 27AKCB

Wɔde atɛntrenee begye Sion bio,na wɔn a wonu wɔn ho no, wɔde trenee begye wɔn.

AKCB: 28AKCB

Nanso atuatewfo ne nnebɔneyɛfo de, wɔbɛdwerɛw wɔn abɔ mu,na wɔn a wɔpa Awurade akyi bɛyera.

AKCB: 29AKCB

“Mo ani bewu, esiane odum anyame amunyaa wɔn mu anigye no;wobegu mo anim ase, esiane nturoa mosom abosom wɔ mu no nti.

AKCB: 30AKCB

Mobɛyɛ sɛ odum a ne nhaban apo,ne turo a ennya nsu.

AKCB: 31AKCB

Ɔhoɔdenfo bɛyɛ sɛ ade a ɛhyew ntɛmnʼadwuma bɛyɛ sɛ ogya a aturuw;abien no bɛhyew abɔ mu,a obiara rentumi nnum.”