Scripture
Nnwom Mu Dwom 6
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom Mu Dwom 6 Bible text
Ɛhe na wo dɔfo no kɔmmea ahoɔfɛfo mu ahoɔfɛ?Ɛhe na wo dɔfo man fae,na yɛne wo nkɔhwehwɛ no?
Me dɔfo kɔ ne turo mu,faako a woduadua nnua ahorow,okokyinkyin turo no muakɔboaboa sukooko ano.
Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ te sɛ Tirsa,wʼahoɔfɛ te sɛ Yerusalem,wusi pi te sɛ asraafo a wɔretu frankaa.
nanso mʼaborɔnoma a ne ho nni asɛm yɛ sononko;ɔno nko ara ne ne na babea,ɔno na nea ɔwoo no no pɛ nʼasɛm.Mmabaa huu no no, wɔfrɛɛ no nhyira;ahemmea ne mpenanom kamfoo no.
Hena na wapue sɛ ahemadakye yi,ɔyɛ frɔmfrɔm sɛ ɔsram, na ɔhyerɛn sɛ owia,nʼanuonyam te sɛ nsoromma a wɔsa so.
Misian kɔɔ nnuaba pɔw mu hɔsɛ merekɔhwehwɛ afifide foforo a ɛwɔ obon no mu,sɛ bobe no agu nhwiren,anaasɛ ntunkum no ayɛ frɔmfrɔm.
San wʼakyi, san wʼakyi, Sulamit babea;San bra, san bra ma yɛnhwɛ wo!Aberante:Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mohwɛ Sulamit abeawasɛnea mohwɛ Mahanaim asaw no?