Skip to main content

Scripture

Nnwom Mu Dwom 5

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom Mu Dwom 5 Bible text

AKCB: 1AKCB

Maba me turo mu, me nuabea, mʼayeforo;maboaboa me kurobow ne me nnuhuam ano.Madi me wokyɛm ne ɛwo;manom me bobesa ne me nufusu.Nnamfonom:Nnamfonom, munnidi na monnom;Adɔfonom, monnom nea ɛbɛmee mo dɔ.

AKCB: 2AKCB

Medae, nanso me koma anna.Tie! me dɔfo rebɔ pon no mu;“Bue me, me nuabea, me dɔ,mʼaborɔnoma, a ne ho nni dɛm.Obosu afɔw me tirim,anadwo mu bosu afɔw me nwi.”

AKCB: 3AKCB

Maworɔw mʼatade,mensan mfa nhyɛ ana?Mahohoro mʼanan ase,memma ho nyɛ fi bio ana?

AKCB: 4AKCB

Me dɔfo yɛɛ sɛ ɔrebue pon nome koma fii ase bɔɔ kim kim wɔ me mu.

AKCB: 5AKCB

Mesɔree sɛ merekobue me dɔfo,na me nsa ho kurobowne me nsateaa ho aduhuam,yɛɛ korɔkorɔ no nsa ho.

AKCB: 6AKCB

Mibue maa me dɔfo no,nanso na ɔkɔ.Ne kɔ no maa me ho dwiriw me.Mehwehwɛɛ no nanso manhu no baabiara.Mefrɛɛ no nanso wannye me so.

AKCB: 7AKCB

Awɛmfo no huu mebere a wɔrebɔ aporɔw wɔ kuropɔn no mu.Wɔbobɔɔ me pirapiraa me;woyii mʼatade kɔe;saa awɛmfo a wɔwɛn afasu no!

AKCB: 8AKCB

Yerusalem mmabea, mehyɛ mo,sɛ muhu me dɔfo no a,asɛm bɛn na mobɛka akyerɛ no?Monka nkyerɛ no se ɔdɔ ama matɔ beraw.

AKCB: 9AKCB

Dɛn na wo dɔfo de sen afoforo,mmea ahoɔfɛfo mu ahoɔfɛ?Dɛn na wo dɔfo de sen afoforo aenti wohyɛ yɛn sɛɛ?

AKCB: 10AKCB

Me dɔfo ho twa na ogyigye,wɔfa mpem du a, ɔyɛ sononko.

AKCB: 11AKCB

Ne ti yɛ sikakɔkɔɔ ankasa;ne ti so nwi yɛ kuhaa,na ɛyɛ tuntum sɛ kwaakwaadabi.

AKCB: 12AKCB

Nʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma aogyina asuwa bi ho;ɛte sɛ nea wɔde nufusu aguare no,na etuatua hɔ sɛ abohemaa.

AKCB: 13AKCB

Nʼafono te sɛ pɛprɛ a wɔasɛw no kɛtɛ.Ɛho hua te sɛ aduhuam.Nʼanofafa te sɛ sukookoa ɛsosɔ kurobow.

AKCB: 14AKCB

Nʼabasa te sɛ sikakɔkɔɔ abaaa wɔde sikabereɛbo asisi mu.Ne nipadua te sɛ asonse a wɔatwiw hona wɔde hoabo adura ho.

AKCB: 15AKCB

Nʼanan te sɛ abohemaa afadum aesisi sikakɔkɔɔ ankasa nnyinaso so.Ne bɔbea te sɛ Lebanon aɔyɛ sononko sɛ ne sida.

AKCB: 16AKCB

Nʼano te sɛ ɔdɛ ankasa;ɔkwan biara so, ne ho yɛ fɛ.Me dɔfo ni, mʼadamfo ni,Yerusalem mmabea.