Skip to main content

Scripture

Nnwom Mu Dwom 4

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom Mu Dwom 4 Bible text

AKCB: 1AKCB

Wo ho yɛ fɛ, me dɔfo!Ao, wo ho yɛ fɛ!Wʼaniwa a ɛhyehyɛ wo nkataanim mu no te sɛ aborɔnoma.Wo nwi te sɛ mpapokuw awɔresian Gilead Bepɔw.

AKCB: 2AKCB

Wo se te sɛ nguankuw a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforo,a wofi aguaree.Baako mpo nyeraa ɛ.

AKCB: 3AKCB

Wʼanofafa te sɛ koogyan hama;wʼano yɛ fɛ.Wʼasontɔre a ɛhyɛ wo nkataanim mute sɛ ntunkum aduaba fa.

AKCB: 4AKCB

Wo kɔn te sɛ Dawid abantenten,a wɔasi no fɛɛfɛ;na akokyɛm apem sensɛn ho,a ne nyinaa yɛ akofo kyɛm.

AKCB: 5AKCB

Wo nufu te sɛ atwemma abien,atwemma nta awodidi wɔ sukooko mu.

AKCB: 6AKCB

Enkosi sɛ ade bɛkye,ama honhom aguan no,mɛkɔ kurobow bepɔwne aduhuam nkoko no so.

AKCB: 7AKCB

Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ papa;wo ho nni dɛm biara.

AKCB: 8AKCB

Ma yemfi Lebanon, mʼayeforo,wo ne me mfi Lebanon nkɔ.Sian fi Amana atifi bra,fi Senir atifi, Hermon apampam hɔ,fi gyata buw mune mmepɔw a asebɔ dɛɛdɛɛ hɔ.

AKCB: 9AKCB

Woagye me koma abɔ so, me nuabea, mʼayeforo;woagye me koma abɔ so;wode wʼani a ɛbɔɔ me so,ne wo kɔnmuade mu ɔbohemaa baako.

AKCB: 10AKCB

Wo dɔ yɛ anigye, me nuabea, mʼayeforo!Hwɛ, wo dɔ sɔ ani sen bobesa,na wʼaduhuam yɛ huam sen pɛprɛ biara.

AKCB: 11AKCB

Asɛm dɛdɛ fi wʼano sɛ ɛwokyɛm, mʼayeforo;nufusu ne ɛwo wɔ wo tɛkrɛma ase.Wo ntade mu hua te sɛ Lebanon de.

AKCB: 12AKCB

Wote sɛ turo a wɔato ano pon mu, me nuabea, mʼayeforo;woyɛ asuti a wɔagye ho ban, asubura a wɔasɔw ano.

AKCB: 13AKCB

Wo nnua yɛ nnuabafuw so ntunkuma ɛsow aba pa,ahuahaa ne nnuannua,

AKCB: 14AKCB

nnuannua ne mmetire,osiko ne sinamon,a ohuamfufu nnua ahorow,kurobow ne dupapone pɛprɛ papa ahorow nyinaa ka ho.

AKCB: 15AKCB

Woyɛ asubura turo,abura a nsu sen fi mua ɛsen fi Lebanon.

AKCB: 16AKCB

Sɔre, atifi fam mframa!Bra, anafo fam mframa!Bɔ fa me turo mu,sɛnea ɛbɛyɛ a ne hua no begyigye afa baabiara.Ma me dɔfo mmra ne turo muna ɔmmɛka ne nnuaba papa no nhwɛ.