Scripture
Nnwom Mu Dwom 1
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom Mu Dwom 1 Bible text
Wʼaduhuam yi hua a ɛyɛ anigye;wo din te sɛ aduhuam a wɔahwie.Na ɛnyɛ nwonwa sɛ mmabaa no dɔ wo!
Fa me kɔ, ma yɛnyɛ ntɛm!Ma ɔhene mfa me nkɔ ne pia mu.Nnamfonom:Yebedi ahurusi na yɛn ani agye wo ho.Yɛbɛkamfo wo dɔ asen bobesa.Ababaa:Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no!
Mibiri de, nanso me ho yɛ fɛ,Yerusalem mmabea,mobiri te sɛ Kedar ntamadan,te sɛ, Salomo ntamadan mu ntwamtam!
Nhwɛ me haw sɛ mibiri nti,efisɛ owia na ayɛ me saa.Me na mmabarima bu fuw me,enti wɔma me kɔhwɛɛ bobe nturo so;na amma manhwɛ mʼankasa me bobeturo.
Kyerɛ me, me dɔfo,faako a wode wo nguankuw kɔ adidina owigyinae nso, faako a woma wo nguan home.Adɛn nti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbea a wakata nʼanimwɔ wo nnamfonom nguankuw ho?
Sɛ wunnim a, mmea mu ɔhoɔfɛfo koraa,fa ɔkwan a nguan fa so sona fa wo mpapomma kɔ adidiwɔ nguanhwɛfo no ntamadan ho.