Scripture
Nnwom Mu Dwom 2
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom Mu Dwom 2 Bible text
Sɛnea aprɛ te wɔ kwae mu nnua mu no,saa ara na me dɔfo te wɔ mmerante mu.Sɛ metena ne nwini mu a minya ahomekana nʼaba nso yɛ mʼanom dɛ.
Momma me bobe aba na minya ahoɔden,momma me aprɛ na ennwudwo me,efisɛ ɔdɔ ama matɔ beraw.
Yerusalem mmabea, mede atwewane wuram ɔforote hyɛ mo sɛ:Monnkanyan na munnyan ɔdɔkosi bere a ɛsɛ mu.
Tie! me dɔfo!Hwɛ! ɔno na ɔreba no,ɔrehuruhuruw wɔ mmepɔw no sona ɔbɔ pentenkwa wɔ nkoko no so.
Me dɔfo te sɛ ɔtwe anaa ɔforote.Hwɛ! ogyina yɛn fasu akyi,ɔhwɛ mfɛnsere no mu,wagyen nʼani rehwɛ mfɛnsere no mu.
Borɔdɔma agu nhwiren;na bobe hua agye baabiara.Sɔre bra, me dɔfo;mʼahoɔfɛ, bra me nkyɛn.”
Mʼaborɔnoma a wohyɛ abotan ntokuru mu,ahintaw wɔ mmepɔw so,ma minhu wʼanim;ma mente wo nne;wo nne yɛ dɛ,na wʼanim yɛ fɛ.
Monkyekyere sakraman no mma yɛn,sakraman nketewa noa wɔsɛe bobe nturo,yɛn bobe nturo a ayɛ frɔmfrɔm no.
Enkosi sɛ ade bɛkyɛna sunsuma bɛsen akɔ no,dan wo ho, me dɔfo,na yɛ sɛ ɔtwewaanaa ɔforote aɔwɔ nkoko mmonkyi mmonka no so.