Skip to main content

Scripture

Ɔsɛnkafo 12

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Ɔsɛnkafo 12 Bible text

AKCB: 1AKCB

Kae wo Bɔfowɔ wo mmerantebere mu,ansa na nnabɔne no abana mfe a wobɛka se,“Minni mu anigye biara” no reba,

AKCB: 2AKCB

ansa na owia ne hann,ɔsram ne nsoromma aduru sum,na omununkum asan aba osutɔ akyi.

AKCB: 3AKCB

Bere a ofi no awɛmfo ho popo,na mmarima ahoɔdenfo akom,bere a awiyamfo agyae adwumayɛ, sɛ wosua ntina wɔn a wɔhwɛ pema mu no ani so ayɛ kusuu;

AKCB: 4AKCB

bere a wɔatoto abɔnten no apon muna awiyambea nnyigyei ano abrɛ ase;bere a nnipa te nnomaa su na wɔanyan,nanso wɔn nnwonto ano abrɛ ase;

AKCB: 5AKCB

bere a nnipa suro sorokɔne mmɔnten so amanenyasɛm;bere a “ɔsonkoran” dua begu nhwirenna tɛwtɛw twe ne ho kɔ nona nkatede ho adwudwo.Afei onipa kɔ ne daa home muna agyaadwotwafo tu gu mmɔnten so.

AKCB: 6AKCB

Kae no, ansa na dwetɛ hama no atew,anaasɛ sikakɔkɔɔ asanka no abɔ;ansa na sukuruwa no abobɔ wɔ asuten ho,anaasɛ asubura so nkyimii abubu,

AKCB: 7AKCB

na dɔte san kɔ asase a efi mu bae,na honhom no tu kɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.

AKCB: 8AKCB

“Ahuhude mu ahuhude” ɔsɛnkafo no na ose.“Biribiara yɛ ahuhude!”

AKCB: 9AKCB

Ɔsɛnkafo no yɛ onyansafo na ɔde nimdeɛ maa nnipa nso. Ɔdwenee na ɔyɛɛ nhwehwɛmu na obubuu mmɛ bebree.

AKCB: 10AKCB

Ɔsɛnkafo no hwehwɛɛ sɛ obenya nsɛm a ɛfata, na nea ɔkyerɛw no yɛ pɛ na ɛyɛ nokware nso.

AKCB: 11AKCB

Anyansafo nsɛm te sɛ nantwikafo mpeaw. Wɔn nsɛm a wɔaboa ano te sɛ nnadewa a wɔde abobɔ dua mu ma akɔ mu yiye. Saa nsɛm yi nyinaa fi Oguanhwɛfo baako nkyɛn.

AKCB: 12AKCB

Mebɔ wo kɔkɔ sɛ twe wo ho fi biribiara a ɛka eyinom ho, me babarima.Nhoma bebrebe nkyerɛw nni awiei, na ne sua pii no ma honam yɛ mmerɛw.

AKCB: 13AKCB

Afei ne nyinaa atɔ asom;nsɛm no awiei ni:Suro Onyankopɔn na di nʼahyɛde so,na onipa asɛde nyinaa ni.

AKCB: 14AKCB

Onyankopɔn bebu nneyɛe biara atɛn,nea wɔayɛ asie nso ka ho,sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.