Skip to main content

Scripture

Nnwom 94

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 94 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade, Onyankopɔn a wotɔ were,Onyankopɔn a wotɔ were, hyerɛn.

AKCB: 2AKCB

Sɔre, asase so Temmufo,tua ahantanfo ka sɛnea ɛfata wɔn.

AKCB: 3AKCB

Awurade, enkosi da bɛn,amumɔyɛfo nnye wɔn ani nkosi da bɛn?

AKCB: 4AKCB

Wɔkasa ahantan so;ahohoahoa ahyɛ abɔnefo nyinaa ma.

AKCB: 5AKCB

Awurade, wɔdwerɛw wo nkurɔfo;wɔhyɛ wʼagyapade so.

AKCB: 6AKCB

Wokunkum akunafo ne ananafo;na wodi ayisaa awu.

AKCB: 7AKCB

Wɔka se, “Awurade nhu,Yakob Nyankopɔn ayi nʼani.”

AKCB: 8AKCB

Monhwɛ yiye, mo agyimifo a mowɔ nnipa no mu;nkwaseafo, da bɛn na mubehu nyansa?

AKCB: 9AKCB

Nea ɔbɔɔ aso no rente asɛm ana?Nea ɔyɛɛ ani no renhu ade ana?

AKCB: 10AKCB

Nea ɔteɛteɛ aman so no rentwe aso ana?Nea ɔkyerɛkyerɛ onipa no nnim nyansa ana?

AKCB: 11AKCB

Awurade nim onipa nsusuwii;onim sɛ enkosi hwee.

AKCB: 12AKCB

Awurade, nhyira ne onipa a woteɛteɛ no so,onipa a wokyerɛ no wo mmara no;

AKCB: 13AKCB

Woma ɔhome fi amanehunu nna mu,kosi sɛ wobetu amoa ama amumɔyɛfo.

AKCB: 14AKCB

Awurade rempo ne nkurɔfo;na ɔrennyaw nʼagyapade hɔ da.

AKCB: 15AKCB

Atemmu begyina treneeyɛ so bio,na wɔn a wɔn koma mu tew nyinaa bedi so.

AKCB: 16AKCB

Hena na ɔbɛsɔre atia amumɔyɛfo ama me?Hena na ɔbɛsɔre atia abɔnefo ama me?

AKCB: 17AKCB

Sɛ Awurade ammoa me a,anka mekɔɔ owu kommyɛ mu ntɛm so.

AKCB: 18AKCB

Bere a mekae se, “Me nan rewatiri” no, Awurade, wo dɔ no soo me mu.

AKCB: 19AKCB

Bere a me dadwen dɔɔso no,wʼawerɛkyekye maa me kra abotɔyam.

AKCB: 20AKCB

Ahengua a porɔwee ahyɛ no mma no ne wo wɔ ayɔnkofa ana?Ahengua a ne hyɛ nsɛm de amanehunu na ɛba no?

AKCB: 21AKCB

Wɔka bɔ mu tia atreneefona wɔn a wodi bem no, wobu wɔn kumfɔ.

AKCB: 22AKCB

Nanso Awurade yɛ mʼaban;na me Nyankopɔn ayɛ ɔbotan a ne mu na minya ahintawee.

AKCB: 23AKCB

Obetua wɔn nnebɔne no so kana wɔn amumɔyɛ nti wasɛe wɔn; Awurade yɛn Nyankopɔn bɛsɛe wɔn.