Skip to main content

Scripture

Nnwom 93

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 93 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade di hene, wɔde tumi ahentade ahyɛ no;wɔde tumi ahentade ahyɛ Awuradena wɔde ahoɔden ayɛ nʼakode.Wɔde wiase atim hɔ pintinn;na wɔrentumi ntutu.

AKCB: 2AKCB

Wʼahengua tim hɔ fi tete;na wowɔ hɔ fi mmeresanten.

AKCB: 3AKCB

Awurade, po ama wɔn ho so,po ama wɔn nne so;po ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ dennen no so.

AKCB: 4AKCB

Nea ɔwɔ tumi sen nsu akɛse mmubomu,nea ɔwɔ tumi sen po nworoso, Awurade a ɔte ɔsoro no yɛ ɔkɛse.

AKCB: 5AKCB

Awurade, wo nhyehyɛe gyina hɔ pintinn;kronkronyɛ hyɛ wo fi anuonyamdaa nyinaa.