Skip to main content

Scripture

Nnwom 95

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 95 Bible text

AKCB: 1AKCB

Mommra mma yɛnto dwom wɔ anigye so mma Awurade;momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagye Botan no.

AKCB: 2AKCB

Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim,na yɛmfa ahosɛpɛw nnwom mma no so.

AKCB: 3AKCB

Efisɛ Awurade yɛ Onyankopɔn kɛse,ɔhenkɛse wɔ anyame nyinaa so.

AKCB: 4AKCB

Ne nsam na asase mu nneɛma nyinaa wɔ,na mmepɔw mpampam wɔ no.

AKCB: 5AKCB

Po wɔ no, ɔno na ɔbɔe,na ne nsa na ɛnwenee asase kesee no.

AKCB: 6AKCB

Mommra, mma yɛnkotow nsom no.Momma yemmu nkotodwe wɔ Awurade yɛn Yɛfo no anim!

AKCB: 7AKCB

Ɔyɛ yɛn Nyankopɔn;yɛyɛ ne didibea nnipa,ne nguankuw a ɔhwɛ wɔn so.Nnɛ, sɛ mote ne nne a,

AKCB: 8AKCB

mummpirim mo koma sɛnea moyɛɛ wɔ Meriba no,sɛnea moyɛɛ da no wɔ Masa, sare no so no,

AKCB: 9AKCB

Ɛhɔ no, mo mpanyimfo sɔɔ no hwɛe,a na wonim nea meyɛ maa wɔn.

AKCB: 10AKCB

Me bo fuw saa nnipa no mfe aduananna mekae se, “Wɔyɛ nnipa a wɔn koma aman afi me ho,na wɔanhu mʼakwan.”

AKCB: 11AKCB

Ɛno nti mekaa ntam wɔ mʼabufuw mu se,“Wɔrenhyɛn mʼahomegye mu da.”