Skip to main content

Scripture

Nnwom 92

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 92 Bible text

AKCB: 1AKCB

Eye sɛ wɔkamfo wo Awuradena wɔto dwom de hyɛ wo anuonyam, Ɔsorosoroni,

AKCB: 2AKCB

na wɔpae mu ka wʼadɔe anɔpane wo nokware anadwo,

AKCB: 3AKCB

wɔ hama du sanku sone sankuten nnwom mu.

AKCB: 4AKCB

Awurade, wo nneyɛe ma mʼani gye;mede anigye to nnwom, wo nsa ano nnwuma nti.

AKCB: 5AKCB

Awurade, wo nnwuma yɛ akɛse,na wo nyansa mu dɔ!

AKCB: 6AKCB

Agyimifo nnimna nkwaseafo nte ase,

AKCB: 7AKCB

amumɔyɛfo benyin sɛ sarena abɔnefo bɛyɛ frɔmfrɔm de,nanso wɔbɛsɛe wɔn pasaa.

AKCB: 8AKCB

Na wo Awurade, wɔayɛ wo ɔkɛse afebɔɔ.

AKCB: 9AKCB

Awurade, ampa ara,wʼatamfo bɛyera;na wɔbɛhwete abɔnefo nyinaa.

AKCB: 10AKCB

Woama me ahoɔden te sɛ ɛko;woahwie ngohuam papa agu me so.

AKCB: 11AKCB

Mahu mʼatamfo nkogu a wɔadi,mate sɛnea mʼatamfo atirimɔdenfo aguan afi akono.

AKCB: 12AKCB

Atreneefo bɛyɛ frɔmfrɔm te sɛ abedua,wobenyin sɛ Lebanon sida;

AKCB: 13AKCB

nea wɔadua wɔ Awurade fi,wobenyin frɔmfrɔm wɔ yɛn Nyankopɔn adiwo hɔ.

AKCB: 14AKCB

Wɔbɛkɔ so asow aba, onyinkyɛ mu mpo,wɔbɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahabammono,

AKCB: 15AKCB

de akyerɛ sɛ, “Awurade yɛ ɔtreneeni;ɔyɛ me botan, na atirimɔdensɛm biara nni ne mu.”