Skip to main content

Scripture

Nnwom 91

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 91 Bible text

AKCB: 1AKCB

Nea ɔte Ɔsorosoroni no hintabea no biarabɛhome wɔ Otumfo no nwini ase.

AKCB: 2AKCB

Mese Awurade se, “Ɔyɛ me guankɔbea ne mʼabandennen,me Nyankopɔn a mewɔ no mu ahotoso.”

AKCB: 3AKCB

Ampa ara, obegye wo afi firisumfo afirine owuyare mu.

AKCB: 4AKCB

Ɔde ne ntakra bɛkata wo so;na ne ntaban ase na wubenya guankɔbea;ne nokware bɛyɛ wo nkatabo ne wo kyɛm.

AKCB: 5AKCB

Worensuro ɔdasu mu ɔsɛe,anaa bɛmma a etu awia,

AKCB: 6AKCB

anaa owuyare a ɛba sum mu,anaa ɔyaredɔm a ɛsɛe ade wɔ owigyinae bere.

AKCB: 7AKCB

Apem bɛtotɔ wo nkyɛn mu,na mpem du atotɔ wo nifa a,wo de, ɛremmɛn wo.

AKCB: 8AKCB

Wʼaniwa nko ara na wode bɛhwɛna woahu nnebɔneyɛfo asotwe.

AKCB: 9AKCB

Sɛ woka se, “Awurade ne me guankɔbea,”na wode Ɔsorosoroni no hɔ yɛ wo tenabea a,

AKCB: 10AKCB

ɔhaw biara remmunkam wo so,na ɔsɛe biara remmɛn wo ntamadan.

AKCB: 11AKCB

Efisɛ Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfo abɛbɔ wo ho banna wɔabɛwɛn wo wʼakwan nyinaa mu;

AKCB: 12AKCB

wɔde wɔn nsa bɛma wo so,na wo nan ampem ɔbo.

AKCB: 13AKCB

Wubetiatia gyata ne aprammiri so,wobɛnantew gyataforo ne ɔwɔ so.

AKCB: 14AKCB

Awurade ka se, “Esiane sɛ ɔdɔ me nti, megye no;mɛbɔ ne ho ban, efisɛ ogye me din to mu.

AKCB: 15AKCB

Ɔbɛfrɛ me na megye ne so;mɛka ne ho wɔ amanehunu mu,megye no na mahyɛ no anuonyam.

AKCB: 16AKCB

Mɛma nkwa nna a ɛware amee nona makyerɛ no me nkwagye.”