Scripture
Nnwom 90
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 90 Bible text
Ansa na wɔrebɛbɔ mmepɔwanaasɛ worebɛda asase ne wiase adi no,na woyɛ Onyankopɔn fi mmeresanten kosi mmeresanten.
Mfirihyia apem yɛ wʼani so sɛda koro a abɛsen mprempren,anaasɛ anadwo mu dɔnhwerew kakraa bi.
Yɛn nkwa nna si mfe aduɔson,anaasɛ aduɔwɔtwe, sɛ yɛwɔ ahoɔden a;na mu ahohoahoade yɛ ɔhaw ne awerɛhow,na etwa mu ntɛmntɛm, na yetu kɔ.
Ma wʼadɔe a ɛnsa da no mmee yɛn adekyee mu,na yɛde anigye ato dwom adi ahurusi yɛn nna nyinaa mu.
Ma yɛn ani nnye nna bebree sɛ nna dodow a wode yɛn kɔɔ amanehunu mu no,sɛ mfirihyia dodow a yehuu ateetee no.
Ma Awurade yɛn Nyankopɔn adom no ntena yɛn so;na yɛn nsa ano adwuma nyɛ yiye mma yɛn;yiw, ma yɛn nsa ano adwuma nyɛ yiye.