Skip to main content

Scripture

Nnwom 89

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 89 Bible text

AKCB: 1AKCB

Mɛto Awurade adɔe ho dwom daa daa;mede mʼano bɛda wo nokwaredi adi awo ntoatoaso nyinaa mu.

AKCB: 2AKCB

Mɛka se wʼadɔe no tim hɔ daa nyinaa,na woatim wo nokwaredi wɔ ɔsoro hɔ ankasa.

AKCB: 3AKCB

Wokae se, “Mene onipa a mayi no no ayɛ apam;maka ntam akyerɛ me somfo Dawid.

AKCB: 4AKCB

‘Mɛma wʼase atim hɔ daana wʼahengua nso atim wɔ awo ntoantoaso nyinaa mu.’ ”

AKCB: 5AKCB

Awurade, ɔsorosorofo kamfo wʼanwonwade,na wo nokwaredi nso, wɔkamfo wɔ ahotefo asafo mu.

AKCB: 6AKCB

Na hena na ɔne wo Awurade sɛ wɔ ɔsoro hɔ?Hena na ɔte sɛ Awurade wɔ ɔsoro abɔde mu?

AKCB: 7AKCB

Akronkronfo agyinatufo mu, wosuro Onyankopɔn;wɔde osuro kɛse ma Onyankopɔn wɔ akronkronfo nhyiamu ase.

AKCB: 8AKCB

Asafo Awurade Nyankopɔn, hena na ɔte sɛ wo?Wo, Awurade, woyɛ ɔkɛse na wo nokwaredi atwa wo ho ahyia.

AKCB: 9AKCB

Wudi po a ɛworo no so;nʼasorɔkye bobɔ kɔ soro a, wobrɛ no ase.

AKCB: 10AKCB

Wodwerɛw Rahab sɛ atɔfo no mu baako;wode wo basa dennen no bɔɔ wʼatamfo pansamee.

AKCB: 11AKCB

Ɔsoro wɔ wo, na asase nso wɔ wo;wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa wo na wufii ase.

AKCB: 12AKCB

Wobɔɔ atifi ne anafo.Tabor ne Hermon de ahosɛpɛw to dwom ma wo din.

AKCB: 13AKCB

Tumi ayɛ wo basa ma;wo nsam wɔ ahoɔden, woama wo nsa nifa so.

AKCB: 14AKCB

Wʼahengua no fapem yɛ trenee ne atɛntrenee;adɔe ne nokwaredi di wʼanim.

AKCB: 15AKCB

Nhyira nka wɔn a wɔasua sɛnea wɔbɔ wo abodin,wɔn a wɔnantew wʼanim hann no mu, Awurade.

AKCB: 16AKCB

Wogye wɔn ani wɔ wo din mu da mu nyinaa;wodi ahurusi wɔ wo trenee mu.

AKCB: 17AKCB

Wone wɔn anuonyam ne ahoɔden,na wʼadom nti yɛyɛ nkonimdifo.

AKCB: 18AKCB

Ampa ara, yɛn kyɛm wɔ Awurade,na yɛn hene wɔ Israel Kronkronni no.

AKCB: 19AKCB

Da bi wokasaa wɔ anisoadehu mu,kyerɛɛ wʼahotefo se,“Madom ɔkofo bi ahoɔden;mapagyaw aberante bi afi nnipa no mu.

AKCB: 20AKCB

Mahu Dawid, me somfo;mede me ngo kronkron no asra no.

AKCB: 21AKCB

Me nsa bɛwowaw no;ampa ara me basa bɛhyɛ no den.

AKCB: 22AKCB

Ɔtamfo biara renhyɛ no sɛ ontua tow;omumɔyɛfo biara rentumi nhyɛ no so.

AKCB: 23AKCB

Mɛdwerɛw nʼatamfo wɔ nʼanimna mabobɔ nʼahohiahiafo ahwe fam.

AKCB: 24AKCB

Me nokware adɔe bɛka ne ho,na me din mu, wɔbɛma nʼabɛn so.

AKCB: 25AKCB

Mɛtrɛw nʼahye mu akosi po so,na ɔde ne nsa nifa bɛto nsubɔnten so.

AKCB: 26AKCB

Ɔbɛfrɛ me aka se, ‘Wone mʼagya,me Nyankopɔn, me nkwagye botan.’

AKCB: 27AKCB

Mɛyɛ no mʼabakan,asase so ahene nyinaa no mu ɔkɛse.

AKCB: 28AKCB

Mɛma mʼadɔe a mewɔ ma no no atena hɔ daa,na apam a me ne no ayɛ nso bɛtena hɔ daa.

AKCB: 29AKCB

Mɛma nʼase atim afebɔɔ,nʼahengua nso betim hɔ akosi sɛ ɔsoro betwa mu.

AKCB: 30AKCB

“Sɛ ne mmabarima po me mmarana sɛ wɔanni mʼahyɛde so,

AKCB: 31AKCB

sɛ wobu mʼahyɛde sona sɛ wɔanni me hyɛ nsɛm so a,

AKCB: 32AKCB

ɛno de mede abaa bɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne hona wɔn amumɔyɛ nso mede mmaatwa atwe wɔn aso;

AKCB: 33AKCB

Nanso merennyae mʼadɔe a meyɛ ma no nona mɛkɔ so adi no nokware.

AKCB: 34AKCB

Meremmu mʼapam no sona merensesa nea mede mʼano aka no.

AKCB: 35AKCB

Menam me din kronkron no so aka ntam prɛko,na merentwa Dawid atoro da,

AKCB: 36AKCB

meremma nʼase ntɔre dana nʼahengua nso betim wɔ mʼanim te sɛ owia;

AKCB: 37AKCB

ebetim hɔ daa te sɛ ɔsram,ɔdanseni nokwafo a ɔwɔ wim no.”

AKCB: 38AKCB

Nanso woapo no, woapa nʼakyi,wo bo afuw nea woasra no ngo no.

AKCB: 39AKCB

Woagu apam a wo ne wo somfo pamee no,woagu nʼahenkyɛw ho fi wɔ mfutuma mu.

AKCB: 40AKCB

Woabubu nʼafasu nyinaaama nʼabandennen adan nnwiriwii.

AKCB: 41AKCB

Wɔn a wotwa mu wɔ hɔ nyinaa fow no fa;na wayɛ aniwude ama ne mfɛfo.

AKCB: 42AKCB

Woama nʼatamfo nsa nifa so;ama wɔn nyinaa di ahurusi.

AKCB: 43AKCB

Woama nʼafoa ayɛ ɔkwa,na woannyina nʼakyi wɔ ɔko mu.

AKCB: 44AKCB

Wode nʼanuonyam aba awieina woatow nʼahengua akyene fam.

AKCB: 45AKCB

Woatwa ne mmerantebere nna sona wode animguase nguguso akata no so.

AKCB: 46AKCB

Awurade, enkosi da bɛn? Na wode wo ho behintaw?Wʼabufuwhyew bɛkɔ so adɛw akosi da bɛn?

AKCB: 47AKCB

Kae sɛnea me nkwanna twa mu ntɛm so.Efisɛ woabɔ yɛn nyinaa sɛ ade a etwa mu ntɛm so!

AKCB: 48AKCB

Hena na ɔbɛtena ase a ɔrenwu da?Anaasɛ hena na obetumi agye ne ho afi owu tumi nsam?

AKCB: 49AKCB

Awurade, ɛhe na wo tete adɔe kɛse no wɔ,nea wufi wo nokwaredi mu de kaa ntam kyerɛɛ Dawid no?

AKCB: 50AKCB

Kae, Awurade, sɛnea wɔadi wo somfo ho fɛwne sɛnea manya koma ama amanaman no akutiabɔ,

AKCB: 51AKCB

Awurade, akutiabɔ a wʼatamfo de adi fɛwde adi nea woasra no ngo no anammɔntu biara ho fɛw.

AKCB: 52AKCB

Ayeyi nka Awurade daa!Amen, Amen.