Skip to main content

Scripture

Nnwom 9

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 9 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade, mefi me koma nyinaa mu ada wo ase.Mɛka wʼanwonwade no nyinaa.

AKCB: 2AKCB

Mɛma mʼani agye na madi ahurusi wɔ wo mu.Mɛto ayeyi dwom ama wo din, Ɔsorosoroni.

AKCB: 3AKCB

Mʼatamfo san wɔn akyi;wɔtetew hwe, na wowuwu wɔ wʼanim.

AKCB: 4AKCB

Woadi mʼasɛm ama me, na menya mʼahofadi;woatena wʼahengua so, abu atɛntrenee.

AKCB: 5AKCB

Woatwe amanaman no aso, na woasɛe amumɔyɛfo.Woapepa wɔn din a wɔrenkae wɔn bio.

AKCB: 6AKCB

Ɔsɛe a enni awiei ato ɔtamfo no,woatutu wɔn nkuropɔn;na wɔnkae wɔn bio mpo.

AKCB: 7AKCB

Awurade di hene daa daa;wasi nʼatemmu ahengua.

AKCB: 8AKCB

Ɔde trenee bebu wiase atɛn;ɔde atɛntrenee bedi nnipa no so.

AKCB: 9AKCB

Awurade yɛ guankɔbea ma wɔn a wodi wɔn nya no,ɔyɛ abandennen wɔ ahohia mmere mu.

AKCB: 10AKCB

Wɔn a wonim wo din no de wɔn ho bɛto wo so,efisɛ, wo Awurade, wunnyaw obiara a ɔhwehwɛ wo no mu da.

AKCB: 11AKCB

Monto ayeyi dwom mma Awurade a ɔte ahengua so wɔ Sion;mompae mu nka nea wayɛ wɔ amanaman no mu.

AKCB: 12AKCB

Na ɔkae nea ɔtɔ mogya so were no;ommu nʼani ngu ɔbrɛfo sufrɛ so.

AKCB: 13AKCB

Awurade, hwɛ sɛnea mʼatamfo teetee me!Hu me mmɔbɔ na yi me fi owu apon ano,

AKCB: 14AKCB

na matumi apae mu aka wʼayeyiwɔ Ɔbabea Sion apon ano,na madi ahurusi wɔ wo nkwagye no mu hɔ.

AKCB: 15AKCB

Amanaman mufo atɔ amoa a wɔatu no mu;afiri a wosum hintaw no ayi wɔn anan.

AKCB: 16AKCB

Awurade atɛntrenee da no adi;amumɔyɛfo nsa ano adwuma ayi wɔn.

AKCB: 17AKCB

Amumɔyɛfo san kɔ ɔda mu,amanaman a wɔn werɛ fi Onyankopɔn nyinaa.

AKCB: 18AKCB

Nanso ɛnyɛ daa na ne werɛ befi ohiani,anaasɛ mmɔborɔni anidaso bɛyera korakora.

AKCB: 19AKCB

Sɔre! Awurade, mma ɔdesani nni nkonim,bu amanaman no atɛn wɔ wʼanim.

AKCB: 20AKCB

Bɔ wɔn hu, Awurade;na ma wonhu sɛ, wɔyɛ adesa bi kɛkɛ.