Skip to main content

Scripture

Nnwom 8

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 8 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade, yɛn Awurade,wo din kɛseyɛ ada adi wiase mmaa nyinaa.Wode wʼanuonyamatimtim ɔsoro nohɔ,

AKCB: 2AKCB

mmofra ne nkokoaa mpo de wɔn anokamfo wo, wʼatamfo nti;na wode bɔ atamfo ne aweretɔfo ano.

AKCB: 3AKCB

Sɛ mehwɛ wo ɔsorosoro,wo nsateaa ano adwuma;ɔsram ne nsoromma awode obiara asi nʼafa a,

AKCB: 4AKCB

onipa ne hena a wokae no,na onipa ba nso ne hena a wʼani ku ne ho?

AKCB: 5AKCB

Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sen abɔfona wode wʼanuonyam ne nidi abɔ no abotiri.

AKCB: 6AKCB

Woyɛɛ no ɔsodifo maa wo nsa ano nnwumawode nneɛma nyinaa ahyɛ nʼanan ase:

AKCB: 7AKCB

nguankuw ne anantwikuw nyinaane wuram mmoa nso,

AKCB: 8AKCB

wim nnomaane po mu mpataa,nea ɛnenam po mu akwan so nyinaa.

AKCB: 9AKCB

Awurade, yɛn Awurade,wo din yɛ kɛse wɔ asase nyinaa so!Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Ɔba no wu”.