Scripture
Nnwom 10
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 10 Bible text
Adɛn, Awurade, na wugyina akyirikyiri saa?Adɛn na wode wo ho ahintaw wɔ amanehunu mmere mu yi?
Nʼakwan nyinaa mu odi yiye;ɔma ne ho so, na wo mmara mfa no ho;na odi nʼatamfo nyinaa ho fɛw.
Ɔtɛw bɛn nkuraa no;ofi ahintawee kum nea onnim hwee,ohintaw hwɛ wɔn a ɔrehwehwɛ wɔn ayɛ wɔn bɔne no.
Ɔte sɛ gyata a wahintaw;ɔtɛw sɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni;ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn kɔ ne bon mu.
Adɛn nti na omumɔyɛfo yi Onyankopɔn ahi?Adɛn nti na ɔka kyerɛ ne ho se,“Ɔremfrɛ me akontaabu so?”
Nanso wo, Onyankopɔn, wuhu amanehunufo haw;na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ.Mmɔborɔni de ne ho ma wo;wo na woyɛ ayisaa boafo.
Bubu omumɔyɛfo ne ɔbɔnefo aprɛw;frɛ no na ommebu nʼamumɔyɛ ho nkontaa,nʼamumɔyɛ a anka wɔrenhu no.
na wudi ma ayisaa ne nea wɔhyɛ no so,sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdesani a ofi asase murenhunahuna bio.Wɔde ma dwonkyerɛfo.