Skip to main content

Scripture

Nnwom 88

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 88 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade, woyɛ me nkwagye Nyankopɔnmisu wɔ wʼanim adekyee ne adesae.

AKCB: 2AKCB

Ma me mpaebɔ nnu wʼanim;brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ.

AKCB: 3AKCB

Ɔhaw ahyɛ me kra mana me nkwa rebɛn owu.

AKCB: 4AKCB

Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ ɔda mu no;mete sɛ obi a onni ahoɔden.

AKCB: 5AKCB

Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufo mu,te sɛ atɔfo a wɔdeda ɔda mu,wɔn a wonkae wɔn bio,na wonhwɛ wɔn bio.

AKCB: 6AKCB

Woatow me akyene ɔda ase tɔnn,wɔ sum kabii mu.

AKCB: 7AKCB

Wʼabufuwhyew ayɛ duru wɔ me so;woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so.

AKCB: 8AKCB

Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afi me nkyɛnwoama me ho ayɛ wɔn ahi.Woaka me ahyɛ mu na mintumi nguan;

AKCB: 9AKCB

awerɛhow ama mʼani so ayɛ kusuu. Awurade misu frɛ wo da biara;metrɛw me nsam kyerɛ wo.

AKCB: 10AKCB

Woyɛ anwonwade kyerɛ awufo ana?Wɔn a wɔawuwu no sɔre kamfo wo ana?

AKCB: 11AKCB

Wɔka wʼadɔe ho asɛm wɔ ɔda mu,anaasɛ wo nokware ho asɛm wɔ ɔsɛe kurom ana?

AKCB: 12AKCB

Wohu wʼanwonwade wɔ beae a hɔ aduru sum,anaa wo trenee nnwuma no wɔ awerɛfiri asase so ana?

AKCB: 13AKCB

Nanso Awurade, misu frɛ wo sɛ boa me;me mpaebɔ du wʼanim adekyee mu.

AKCB: 14AKCB

Adɛn, Awurade, na wopo mena wode wʼanim hintaw me?

AKCB: 15AKCB

Mahu amane fi me mmofraase na mabɛn owu;wʼahunahuna ama mabrɛ na mapa abaw.

AKCB: 16AKCB

Wʼabufuwhyew abu afa me so;wʼahunahuna asɛe me.

AKCB: 17AKCB

Daa nyinaa wotwa me ho hyia sɛ nsuyiri,na wɔabu afa me so koraa.

AKCB: 18AKCB

Woafa me yɔnkonom ne mʼadɔfo afi me nkyɛn kɔ;na sum ayɛ mʼadamfo a ɔbɛn me pɛɛ.