Skip to main content

Scripture

Nnwom 87

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 87 Bible text

AKCB: 1AKCB

Wato ne fapem wɔ bepɔw kronkron no so;

AKCB: 2AKCB

Awurade dɔ Sion apon nosen Yakob atenae nyinaa.

AKCB: 3AKCB

Wɔka wo ho anuonyamsɛmOnyankopɔn kuropɔn:

AKCB: 4AKCB

“Mede Rahab ne Babiloniabɛka wɔn a wɔyɛ osetie ma me no ho,Filistia, Tiro ne Kus nsona maka se, ‘Wɔwoo eyinom wɔ Sion.’ ”

AKCB: 5AKCB

Ampa ara wɔbɛka afa Sion ho se,“Wɔwoo oyi ne ɔno wɔ no mu,na Ɔsorosoroni no ankasa de no betim hɔ.”

AKCB: 6AKCB

Awurade bɛkyerɛw wɔ nnipa dinkyerɛw nhoma no mu se,“Wɔwoo oyi wɔ Sion.”

AKCB: 7AKCB

Na wɔbɛto dwom se,“Me ntin nyinaa wɔ wo mu.”Kora mma dwom a wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Mahalat Leannot” sanku so.