Skip to main content

Scripture

Nnwom 86

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 86 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade, tie me na gye me so,efisɛ meyɛ ohiani ne mmɔborɔni.

AKCB: 2AKCB

Bɔ me nkwa ho ban, efisɛ mede me ho ama wo.Wo ne me Nyankopɔn, gye wʼakoa aɔde ne ho to wo so.

AKCB: 3AKCB

Awurade, hu me mmɔbɔ,na misu frɛ wo daa nyinaa.

AKCB: 4AKCB

Ma wʼakoa ani nnye,na wo Awurade, wo nkyɛnna mema me kra so ba.

AKCB: 5AKCB

Awurade, wuye na wode bɔne kyɛ,wowɔ ɔdɔ mmoroso ma wɔn a wosu frɛ wo nyinaa.

AKCB: 6AKCB

Awurade, tie me mpaebɔ;tie me mmɔborɔsu.

AKCB: 7AKCB

Mɛfrɛ wo mʼahohia da mu,na wubegye me so.

AKCB: 8AKCB

Awurade, onyame bi nni hɔ a ɔte sɛ wo;na wɔn nnwuma biara nto wo de.

AKCB: 9AKCB

Awurade, aman a woakyekyere nyinaabɛba abɛsom wo wɔ wʼanim;wɔbɛba abɛhyɛ wo din anuonyam.

AKCB: 10AKCB

Woyɛ ɔkɛse na woyɛ anwonwa nnwuma;wo nko ara ne Onyankopɔn.

AKCB: 11AKCB

Awurade, kyerɛ me wʼakwan,na mɛnantew wo nokware mu;ma memfa me koma nyinaa mma wona masuro wo din.

AKCB: 12AKCB

Mede me koma nyinaa meyi wo ayɛ, Awurade me Nyankopɔnna mahyɛ wo din anuonyam daa nyinaa.

AKCB: 13AKCB

Efisɛ ɔdɔ a wode dɔ me no so;woayi me afi owu amoa mu tɔnn.

AKCB: 14AKCB

Ao, Onyankopɔn, ahomasofo atow ahyɛ me so;basabasayɛfo kuw rehwehwɛ me akum me,nnipa a wɔmmfa wo nyɛ hwee no.

AKCB: 15AKCB

Nanso wo, Awurade, woyɛ mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo Nyankopɔn,wo bo kyɛ fuw, na wʼadɔe ne wo nokware dɔɔso.

AKCB: 16AKCB

Dan wʼani hwɛ me na dom me;fa wʼahoɔden ma wʼakoana gye wʼafenaa babarima nkwa.

AKCB: 17AKCB

Ma me wo papayɛ ho nsɛnkyerɛnne,na mʼatamfo nhu na wɔn anim ngu asena wo, Awurade, wo na woaboa me akyekye me werɛ.