Skip to main content

Scripture

Nnwom 85

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 85 Bible text

AKCB: 1AKCB

Wo Awurade, wodom wʼasase;wode Yakob ahonyade san maa no.

AKCB: 2AKCB

Wode wo nkurɔfo bɔne kyɛɛ wɔnna wokataa wɔn nnebɔne nyinaa so.

AKCB: 3AKCB

Wode wʼabufuw nyinaa too nkyɛnna wodan fii wʼabufuwhyew ho.

AKCB: 4AKCB

San gye yɛn bio, Onyankopɔn, yɛn Gyefo,na ma wʼani nnye yɛn ho.

AKCB: 5AKCB

Wo bo befuw yɛn akosi daa ana?Wʼabufuw bɛtoa so akɔ awo ntoantoaso nyinaa so ana?

AKCB: 6AKCB

Worenhyɛ yɛn den bio,na ama wo nkurɔfo asɛpɛw wɔn ho wɔ wo mu ana?

AKCB: 7AKCB

Awurade, kyerɛ yɛn wo dɔ a ɛnsa da no,na ma yɛn wo nkwagye no.

AKCB: 8AKCB

Metie nea Awurade Nyankopɔn bɛka;ɔde asomdwoe hyɛ ne nkurɔfo, ahotefo no bɔ,enti ɛnsɛ sɛ wɔsan kɔ agyimisɛm ho.

AKCB: 9AKCB

Ampa ara, ne nkwagye bɛn wɔn a wosuro no,na nʼanuonyam bɛtena yɛn asase so.

AKCB: 10AKCB

Ɔdɔ ne nokwaredi behyia,na trenee ne asomdwoe befew wɔn ho wɔn ho ano.

AKCB: 11AKCB

Nokwaredi bepue afi asase no so,na trenee ahwɛ afi ɔsoro.

AKCB: 12AKCB

Awurade bɛma yɛn nea eye ampa arana yɛn asase bɛma ne nnɔbae.

AKCB: 13AKCB

Trenee di nʼanimsiesie ɔkwan ma nʼanammɔntu.