Skip to main content

Scripture

Nnwom 84

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 84 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade Asafo,wʼatenae hɔ yɛ ahomeka!

AKCB: 2AKCB

Me kra pere, mpo ɛtɔ beraw,sɛ ɔbɛkɔ Awurade adiwo;me koma ne me honam teɛ mufrɛ Onyankopɔn teasefo.

AKCB: 3AKCB

Mpo akasanoma anya ofi,na asomfena nso anwen ne berebuw,faako a obesow ne mmawɔ beae bi a ɛbɛn wʼafɔremuka, Awurade Asafo, me Hene ne me Nyankopɔn.

AKCB: 4AKCB

Nhyira nka wɔn a wɔte wo fi;na wɔkamfo wo din daa.

AKCB: 5AKCB

Nhyira nka wɔn a wɔwɔ wo mu ahoɔden,na wɔde wɔn koma fi akwantu ase kɔhwehwɛ wo.

AKCB: 6AKCB

Sɛ wɔfa Baka Bon no mu awɔma hɔ yɛ nsuwansuwa;asusow bere nsu so taataa hɔ.

AKCB: 7AKCB

Wɔkɔ no ahoɔden so bere nyinaa,kosi sɛ wɔn mu biara bepue Onyankopɔn anim wɔ Sion.

AKCB: 8AKCB

Asafo Awurade Nyankopɔn, tie me mpaebɔ;Yakob Nyankopɔn, yɛ aso ma me.

AKCB: 9AKCB

Ao, Onyankopɔn, hwɛ yɛn nkatabo;fa ahummɔbɔ hwɛ nea woasra no ngo no.

AKCB: 10AKCB

Wʼadiwo hɔ da koro tenaye sen nnafua apem wɔ baabi foforo;mepɛ sɛ mɛyɛ ɔponanohwɛfo wɔ Onyankopɔn fisen sɛ mɛtena amumɔyɛfo ntamadan mu.

AKCB: 11AKCB

Efisɛ Awurade Nyankopɔn yɛ owia ne kyɛm; Awurade hu mmɔbɔ na ɔhyɛ anuonyam;ɔmmfa ade pa biara nkamewɔn a wɔteɛ.

AKCB: 12AKCB

Asafo Awurade,nhyira nka onipa a ɔde ne ho to wo so.Wɔde ma dwonkyerɛfo.