Skip to main content

Scripture

Nnwom 81

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 81 Bible text

AKCB: 1AKCB

Monto ahurusi dwom mma Onyankopɔn yɛn ahoɔden;mommɔ ose mma Yakob Nyankopɔn no!

AKCB: 2AKCB

Momma nnwom no so na monwosow akasaa.Mommɔ sanku ne bɛnta dɛdɛ no.

AKCB: 3AKCB

Monhyɛn mmentia ɔsram foforo da no,ne ne kurokumatwa mu, yɛn Aponto da no;

AKCB: 4AKCB

Eyi yɛ Israelfo ahyɛde,Yakob Nyankopɔn mmara.

AKCB: 5AKCB

Otintimii sɛ nhyehyɛe maa Yosefbere a ɔsɔre tiaa Misraim no,faako a yɛtee kasa a yɛnte ase no.

AKCB: 6AKCB

Ɔka se, “Miyii adesoa no fii wɔn mmati so,ne wɔn nsa fii kɛntɛn ho.

AKCB: 7AKCB

Mo ahohiahia mu mofrɛɛ me na migyee mo,migyee mo so wɔ aprannaa mu;mesɔɔ mo hwɛɛ wɔ Meriba nsu ho.

AKCB: 8AKCB

“Me nkurɔfo, muntie me kɔkɔbɔ yi,Israel, sɛ mubetie me a!

AKCB: 9AKCB

Ɛnsɛ sɛ munya anyame foforo bi wɔ mo mu;ɛnsɛ sɛ mokotow ananafo anyame.

AKCB: 10AKCB

Mene Awurade, mo Nyankopɔn amiyii mo fii Misraim asase so no.Mummue mo anom tɛtrɛɛ na mɛhyɛ mu ma.

AKCB: 11AKCB

“Nanso me nkurɔfo rentie me;Israel remmrɛ ne ho ase mma me.

AKCB: 12AKCB

Enti migyaa wɔn maa wɔn komadensɛ wɔnyɛ nea wɔpɛ biara.

AKCB: 13AKCB

“Sɛ me nkurɔfo tie me,na Israel nantew mʼakwan so a,

AKCB: 14AKCB

anka medi wɔn atamfo so ama wɔn ntɛmna mama me basa so atia wɔn a wokyi wɔn!

AKCB: 15AKCB

Wɔn a wɔtan Awurade no de osuro bɛkotow no,na wɔn asotwe to rentwa da.

AKCB: 16AKCB

Nanso wɔde atoko mu atoko papa bɛma mo adi;mede ɔbotan mu wo bɛma mo amee.”