Skip to main content

Scripture

Nnwom 80

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 80 Bible text

AKCB: 1AKCB

Israel guanhwɛfo, tie yɛn,wo a wudii Yosef anim sɛnea wodi nguankuw anim;wo a wote ahengua so wɔ kerubim ntam no, hyerɛn

AKCB: 2AKCB

wɔ Efraim, Benyamin ne Manase anim.Kanyan wo tumi;bra begye yɛn nkwa.

AKCB: 3AKCB

Ao Onyankopɔn, gye yɛn bio;ma wʼanim nhyerɛn yɛn so,na wɔagye yɛn nkwa.

AKCB: 4AKCB

Asafo Awurade Nyankopɔn,wʼabufuw bɛdɛw akosi da bɛn,wʼabufuw a etia wo nkurɔfo mpaebɔ no?

AKCB: 5AKCB

Wode nusu yɛɛ aduan maa wɔn dii;wode nusu kuruwama maa wɔn nomee.

AKCB: 6AKCB

Wode yɛn ayɛ nea yɛn mfɛfo ko ho,na yɛn atamfo serew yɛn.

AKCB: 7AKCB

Asafo Nyankopɔn, gye yɛn bio;ma wʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so,na wɔagye yɛn nkwa.

AKCB: 8AKCB

Wutuu bobe fi Misraim beduae;wopam amanaman no na wuduae.

AKCB: 9AKCB

Wosiesiee asase no baabi maa no,egyee ntin na ɛtrɛw asase no so.

AKCB: 10AKCB

Ne nwini kataa mmepɔw no sone mman kataa sida akɛse no so.

AKCB: 11AKCB

Ɛdennan trɛw kɔɔ Po no so,na ɛfefɛw trɛw koduu Asubɔnten no ho.

AKCB: 12AKCB

Adɛn nti na woabubu nʼafasuama wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no tetew ne bobe aba no?

AKCB: 13AKCB

Kɔkɔte fi wuram bɛsɛe no pasaana mmoadoma a wɔwɔ sare so de yɛ wɔn aduan.

AKCB: 14AKCB

Asafo Nyankopɔn, san bra yɛn nkyɛn!fi ɔsoro hɔ hwɛ na wubehu!Hwɛ saa bobe yi so,

AKCB: 15AKCB

ntin a wo nsa nifa adua no,ɔbabarima a woatetew no ama wo ho no.

AKCB: 16AKCB

Wɔatwa wo bobe no ato fam, ato mu gya ama ahyew;wʼanimka ma wo nkurɔfo ase tɔre.

AKCB: 17AKCB

Fa wo nsa kata ɔbarima a ɔwɔ wo nifa no so,onipa ba a woatetew no ama wo ho no.

AKCB: 18AKCB

Afei yɛrentwe yɛn ho mfi wo nkyɛn;kanyan yɛn, na yɛbɛbɔ wo din.

AKCB: 19AKCB

Asafo Awurade Nyankopɔn, gye yɛn bio,na ma wʼanim nhyerɛn yɛn so,na wɔagye yɛn nkwa.Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto sɛ “gittit” sanku nne so.