Skip to main content

Scripture

Nnwom 82

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 82 Bible text

AKCB: 1AKCB

Onyankopɔn di hene wɔ ɔsoro asafo mu;obu atɛn wɔ “anyame” mu.

AKCB: 2AKCB

“Wobɛbɔ wɔn a wɔnteɛ ho banna woayɛ nhwɛanim ama amumɔyɛfo akosi da bɛn?

AKCB: 3AKCB

Monka mmɔborɔfo ne ayisaa asɛm mma wɔn;mommɔ ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiyedi ho ban.

AKCB: 4AKCB

Munnye ɔbrɛfo ne ahiafo;munnye wɔn mfi amumɔyɛfo nsam.

AKCB: 5AKCB

“Anyame no nnim de, na wɔnte hwee ase.Wokyinkyin wɔ sum mu;na asase fapem nyinaa wosow.

AKCB: 6AKCB

“Mekae se, ‘Moyɛ “anyame;”mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’

AKCB: 7AKCB

Nanso mubewuwu sɛ nnipa pɛ;na moahwe ase sɛ ɔsodifo biara.”

AKCB: 8AKCB

Ao Onyankopɔn, sɔre, bu wiase atɛn;efisɛ amanaman nyinaa yɛ wo de.