Scripture
Nnwom 79
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 79 Bible text
Ao Onyankopɔn, amanaman no atow ahyɛ wʼagyapade so;wɔagu wʼasɔredan kronkron no ho fi,wɔama Yerusalem adan nnwiriwii.
Mfa yɛn agyanom bɔne so asotwe mma yɛn;ma wo mmɔborɔhunu mmra yɛn so ntɛm,na yɛwɔ ahohiahia mu.
Onyankopɔn yɛn Agyenkwa, boa yɛn,wo din no anuonyam nti;gye yɛn na fa yɛn bɔne kyɛ yɛnwo din nti.
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ amanaman ka se,“Wɔn Nyankopɔn wɔ he?”Yɛn anim ha ara, ma wonhu wɔ amanaman mu sɛwotɔ wʼasomfo mogya a wɔahwie agu no so werɛ.
Na yɛn a yɛyɛ wo nkurɔfo, wʼadidibea nguan no,beyi wo ayɛ daa nyinaa;efi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso,yɛbɛkɔ so aka wʼayeyi akyerɛ.Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Sonannim Edut” sanku nne so.