Skip to main content

Scripture

Nnwom 7

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 7 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade me Nyankopɔn,miguan toa wo;Gye me fi wɔn a wɔtaa me nyinaa nsam,

AKCB: 2AKCB

anyɛ saa a wɔbɛtetew me mu sɛ gyatana wɔatetew me mu asinasin aobiara rentumi nnye me.

AKCB: 3AKCB

Awurade me Nyankopɔn, sɛ mayɛ eyina sɛ afɔdi aba me so a,

AKCB: 4AKCB

sɛ mayɛ bɔne atia nea ɔne me te yiye,anaasɛ mabɔ me tamfo korɔn kwa a,

AKCB: 5AKCB

ɛno de ma mʼatamfo ntaa me na wɔmmɛto me;ma wontiatia me so wɔ fam,na wɔmma me funu nna mfutuma mu.

AKCB: 6AKCB

Sɔre wɔ wʼabufuw mu, Awurade!Sɔre tia mʼatamfo abufuw.Nyan, me Nyankopɔn; hyɛ atɛntrenee mmara.

AKCB: 7AKCB

Ma nnipadɔm mmetwa wo ho nhyia.Fi ɔsoro hɔ di wɔn so;

AKCB: 8AKCB

ma Awurade mmu nnipa no atɛn.Bu me atɛn, Awurade sɛnea me trenee te,sɛnea me nokwaredi te, Ao, Ɔsorosoroni.

AKCB: 9AKCB

Onyankopɔn treneeni,wo a wohwehwɛ adwene ne koma mu,fa amumɔyɛfo basabasayɛ bra awieina ma atreneefo nnya bammɔ.

AKCB: 10AKCB

Me nkatabo ne Ɔsorosoro Nyankopɔnnea ogye koma mu treneeni no.

AKCB: 11AKCB

Onyankopɔn yɛ otemmufo treneeni,Onyame a ɔda nʼabufuwhyew adi da biara.

AKCB: 12AKCB

Sɛ wansesa nʼadwene a,ɔbɛsew nʼafoa ano;obekuntun ne tadua na ɔde bɛmma ahyɛ mu.

AKCB: 13AKCB

Wasiesie nʼakode a ɛyɛ hu;ayɛ ne bɛmma a ɛredɛw no krado.

AKCB: 14AKCB

Nea onyinsɛn amumɔyɛna basabasayɛ ahyɛ no ma no, ɔwo nnaadaa.

AKCB: 15AKCB

Nea otu tokuru, na oyi mu dɔte nohwe tokuru a watu no mu.

AKCB: 16AKCB

Ɔhaw a ɔde ba no dan bɔ nʼankasa so;ne basabasayɛ bɔ nʼankasa ti so.

AKCB: 17AKCB

Mede aseda bɛma Awurade,ne trenee nti,na mato ayeyi dwom ayi Awurade, Ɔsorosoroni no din ayɛ.Wɔde ma dwonkyerɛfo se wɔnto no “gittit” sanku nne so.