Scripture
Nnwom 78
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 78 Bible text
Yɛremfa nkame wɔn mma;yɛbɛka akyerɛ nkyirimma Awurade nneyɛe a ɛfata nkamfo no,ne tumi ne anwonwade a wayɛ no.
sɛnea ɛbɛyɛ a nkyirimma besua,mpo mmofra a wonnya nwoo wɔn,na wɔn nso akyerɛkyerɛ wɔn mma.
Wɔrenyɛ sɛ wɔn nenanom,a na wɔyɛ asoɔdenfo ne atuatewfo,wɔn a wonni Onyankopɔn nokware wɔ wɔn koma muna woyɛ honhom mu atorofo ma no no.
Ɔde ade bɔɔ ɔbotan mu no, nsu tue fii mu,na nsuwa sen buu so.Na obetumi ama yɛn aduan nso?Obetumi ama ne nkurɔfo nam ana?”
Bere a Awurade tee nea wɔreka no, ne bo fuw yiye;ne gya beguu Yakob so,na nʼabufuwhyew sɔre tiaa Israel,
Nanso na ɔyɛ ahummɔbɔ;ɔde wɔn amumɔyɛ kyɛɛ wɔna wansɛe wɔn.Mpɛn pii, ɔtwentwɛn nʼabufuw sona wanhwie nʼabufuwhyew nyinaa.
Mpɛn ahe na wɔansɔre antia no wɔ sare no so hɔ,na mpɛn ahe na wɔamma ne werɛ anhow wɔ asase wosee no so!
Sɛɛ na ɔyɛ de wɔn baa nʼasase kronkron no ahye so,bepɔw asase a ɔde ne nsa nifa gyee no.
Ɔpam amanaman a wɔwɔ wɔn anim nona ɔkyekyɛɛ wɔn nsase no mu maa wɔn sɛ wɔn agyapade;ɔbɔɔ Israel mmusuakuw no atenase wɔ wɔn afi mu.
Wɔyɛɛ sɛ wɔn agyanom, wɔanni nokware na wɔannya gyidi,ahotoso nni wɔn mu na wɔte sɛ agyan a asɛe.
fii nguan akyi na ɔde no baese ɔmmɛyɛ oguanhwɛfo mma ne nkurɔfo Yakob,mma Israel a wɔyɛ nʼagyapade.