Skip to main content

Scripture

Nnwom 77

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 77 Bible text

AKCB: 1AKCB

Misu mefrɛɛ Onyankopɔn srɛɛ mmoa;misu mefrɛɛ no sɛ ontie me.

AKCB: 2AKCB

Bere a mewɔ ahohiahia mu no, mehwehwɛɛ Awurade;metrɛw me nsa a ɛmpa abaw mu anadwona me kra ampene sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ.

AKCB: 3AKCB

Onyankopɔn mekaee wo, na misii apini;medwenee, na me honhom tɔɔ beraw.

AKCB: 4AKCB

Woamma mʼani ankum;amanehunu dodow nti, mantumi ankasa.

AKCB: 5AKCB

Medwenee nna a atwam no ho,teteete mfe no ho;

AKCB: 6AKCB

mekaee me nnwom a na meto no anadwo.Me koma dwenee ho na me honhom bisae se:

AKCB: 7AKCB

“Enti, Awurade bɛpo yɛn daa?Ɔrenhu yɛn mmɔbɔ bio ana?

AKCB: 8AKCB

Nʼadɔe a ɛnsa da atu ayera koraa ana?Na ne bɔhyɛ no, amma mu koraa ana?

AKCB: 9AKCB

Onyankopɔn werɛ afi sɛ ɔbɛyɛ mmɔborɔhunufo ana?Ɔde abufuw atwe nʼayamhyehye no asan ana?”

AKCB: 10AKCB

Afei misusuwii se, “Eyi de, mɛsrɛ:mfe a Ɔsorosoroni no teɛɛ ne nsa nifa mu no.”

AKCB: 11AKCB

Mɛkae nneɛma a Awurade ayɛ;yiw, mɛkae wo tete anwonwade no.

AKCB: 12AKCB

Mɛdwene wo nnwuma nyinaa hona masusuw wo nneyɛe akɛse nyinaa ho.

AKCB: 13AKCB

Onyankopɔn, wʼakwan yɛ kronkron.Onyame bɛn na ɔso sɛ yɛn Nyankopɔn?

AKCB: 14AKCB

Wone Onyankopɔn a woyɛ anwonwade;wokyerɛ wo tumi wɔ aman mu.

AKCB: 15AKCB

Wode wo tumi nsa no gyee wo nkurɔfo,Yakob ne Yosef asefo no.

AKCB: 16AKCB

Onyankopɔn, nsu no huu wo,nsu no huu wo na wɔpopoe;bun no mpo ho wosowee.

AKCB: 17AKCB

Omununkum tɔɔ nsu,aprannaa gyigyee wɔ ɔsoro;na wo bɛmma paa gya dii akɔneaba.

AKCB: 18AKCB

Wʼaprannaa bobɔɔ mu wɔ mfɛtɛ no mu,wʼanyinam hyerɛn wiase;asase popoe, na ɛwosowee.

AKCB: 19AKCB

Wode wo kwan faa po mu,wode faa nsu kɛse mu,nanso wɔanhu wʼanammɔn.

AKCB: 20AKCB

Wonam Mose ne Aaron abasa so,dii wo nkurɔfo anim sɛ nguankuw.