Scripture
Nnwom 76
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 76 Bible text
Mmarima akokodurufo deda hɔ a wɔagye wɔn ho nneɛma,wɔadeda awufo nna;na akofo no mu baako mpontumi mma ne nsa so.
Ampa ara wʼabufuwhyew a etia nnipa no de ayeyi brɛ wo,na wɔn a wotumi gyina ano no nya kɔkɔbɔ.
Monhyɛ Awurade mo Nyankopɔn no bɔ na munni so;momma nsase a atwa ne ho ahyiamfa ayɛyɛde mmrɛ Ɔbaako a ɛsɛ sɛ wosuro no no.
Ɔbrɛ sodifonom honhom ase;na asase so ahemfo suro no.Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde ma Yedutun.