Scripture
Nnwom 71
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 71 Bible text
Yɛ me nkwagye botan,faako a metumi akɔ daa;hyɛ ma wommegye me nkwa,na wone me botan ne mʼabandennen.
Wɔka se, “Onyankopɔn agyaw no mu;momma yentiw no na yɛnkyere no,na obiara nni hɔ a obegye no.”
Ma wɔn a wɔbɔ me sobo no nsɛe wɔ animguase mu;wɔn a wɔpɛ sɛ wopira me noma ahohora ne animguase nkata wɔn so.
Otumfo Awurade, mɛba abɛpae mu aka wo nnwuma akɛse no;mɛpae mu aka wo trenee, wo nko ara de no, akyerɛ.
Onyankopɔn, efi me mmabun bere na wokyerɛkyerɛɛ me,na ebesi nnɛ yi meka wʼanwonwade a woayɛ kyerɛ.
Mpo sɛ mebɔ akwakoraa na mifuw dwen a,Onyankopɔn, nnyaw me,kosi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm akyerɛ nkyirimma,ne wo kɛseyɛ akyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.
Onyankopɔn, wo trenee du ɔsorosoro,wo a woayɛ nneɛma akɛse.Onyankopɔn, hena na ɔte sɛ wo?
Mmom woama mahu ɔhaw bebree a ɛyɛ yaw;nanso wobɛma me nkwa bio;na wubeyi me bio,afi asase yam.
Mede sanku bɛkamfo wome Nyankopɔn, wo trenee ntimɛto wʼayeyi dwom wɔ sankuten so,Israel Kronkronni.
Me tɛkrɛma bɛka wo trenee nnwumada mu nyinaa,efisɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhaw me nokɔ animguase ne basaayɛ mu.