Skip to main content

Scripture

Nnwom 70

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 70 Bible text

AKCB: 1AKCB

Ao, Onyankopɔn, yɛ ntɛm gye me nkwa; Awurade bra ntɛm bɛboa me.

AKCB: 2AKCB

Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra noanim ngu ase na wɔnyɛ basaa;ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛe no nyinaamfa animguase nsan wɔn akyi.

AKCB: 3AKCB

Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me nonsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti.

AKCB: 4AKCB

Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaansɛpɛw wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu;ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka da biara se,“Onyankopɔn yɛ ɔkɛse!”

AKCB: 5AKCB

Me de meyɛ ohiani a minni ɔboafo;Ao, Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm.Wo ne me boafo ne me gyefo; Awurade, ntwentwɛn wʼanan ase.