Scripture
Nnwom 72
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 72 Bible text
Tarsis ne mpoano ahemfo a wɔwɔ akyirikyiride sonkahiri bɛbrɛ no;Saba ne Seba ahemfode ayɛyɛde bɛbrɛ no.
Ɔhene nkwa so!ma wɔmfa sikakɔkɔɔ mfi Seba mmrɛ no.Ma nnipa mmɔ mpae mma nona wonhyira no da mu nyinaa.
Aburow mmu so wɔ asase no so nyinaa;nnuan mmu so wɔ nkoko so,ma nʼaba mmɔ sɛ Lebanon;na enyin sɛ mfuw so sare.
Ne din bɛtena hɔ daa;ɛntena hɔ nkyɛ sɛ owia.Wɔbɛfa no so ahyira amanaman no,na wɔbɛfrɛ no nhyira.
Nhyira nka ne din a anuonyam ahyɛ no ma no daa daa.Ma nʼanuonyam nhyɛ wiase nyinaa ma.Amen! Amen!