Scripture
Nnwom 69
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 69 Bible text
Meremem wɔ dontori a mu dɔ mu,wɔ baabi a mʼanan nnya sibea.Madu bun muna nsu abu afa me so.
Wɔn a wɔtan me kwa nodɔɔso sen me ti so nwi;wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso,wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɛe me no.Wɔhyɛ me sɛ mennannea minnwiae no mma.
Awurade, Awurade Tweduampɔn,mma wɔn a wɔn ani da wo so no,anim ngu ase esiane me nti, Awurade, Asafo Awurade;Israel Nyankopɔn,mma wɔn a wɔhwehwɛ wo noanim ngu ase esiane me nti.
Nanso mɛbɔ wo mpae, Awurade,wɔ wʼadom bere mu;wɔ wʼadɔe kɛse no nti, Ao, Onyankopɔn,fa wo nokware nkwagye no gye me so.
Kasatia ahyɛ me koma soama mayɛ sɛ obi a onni ɔboafo;mepɛɛ awerɛkyekye, nanso mannya bi,mepɛɛ ɔwerɛkyekyefo, nanso manhu bi.
efisɛ Onyankopɔn begye Sion nkwana wakyekye Yuda nkuropɔn no bio.Afei nnipa bɛtena mu na ayɛ wɔn de;