Skip to main content

Scripture

Nnwom 6

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 6 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade nka mʼanim wɔ wʼabufuw mu,na ntwe mʼaso nso wɔ wʼabufuwhyew mu.

AKCB: 2AKCB

Hu me mmɔbɔ, Awurade, efisɛ meyɛ mmrɛw; Awurade sa me yarena me nnompe wɔ ahoyeraw mu.

AKCB: 3AKCB

Me kra wɔ ahohia mu.Enkosi da bɛn, Ao Awurade, enkosi da bɛn?

AKCB: 4AKCB

San bra, Awurade, na begye me nkwa;gye me, wo dɔ a enni nhuammɔ no nti.

AKCB: 5AKCB

Obi a wawu no renkae wo da,hena na ofi ɔda mu kamfo wo?

AKCB: 6AKCB

Apinisi ama mayɛ mmerɛw.Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔw me mpa,na me nusu fɔw me sumii.

AKCB: 7AKCB

Awerɛhow ama mʼani so ayɛ me kusuu.Ɛredum; mʼatamfo nyinaa nti.

AKCB: 8AKCB

Mo nnebɔneyɛfo, montwe mo ho mfi me ho!efisɛ Awurade ate me sufrɛ.

AKCB: 9AKCB

Awurade ate me mmɔborɔsu; Awurade tie me sufrɛ.

AKCB: 10AKCB

Mʼatamfo nyinaa anim begu asena wɔn ho adwiriw wɔn;na wɔapatuw de fɛre asan wɔn akyi.