Skip to main content

Scripture

Nnwom 68

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 68 Bible text

AKCB: 1AKCB

Ma Onyankopɔn nsɔre, ma nʼatamfo nhwete;wɔn a wɔtan no no nguan mfi nʼanim.

AKCB: 2AKCB

Sɛnea mframa bɔ wusiw gu no,saa ara na bɔ wɔn gu;sɛnea srade nan wɔ ogya so no,saa ara na amumɔyɛfo nyera mfi Onyankopɔn anim.

AKCB: 3AKCB

Nanso ma atreneefo ani nnyena wɔnsɛpɛw wɔn ho wɔ Onyankopɔn anim;ma wɔn ho ntɔ wɔn na wonni ahurusi.

AKCB: 4AKCB

To dwom ma Onyankopɔn, to dwom yi ne din ayɛ.Ma nea ɔnantew omununkum so no din so.Ne din ne Awurade;ma wʼani nnye wɔ nʼanim.

AKCB: 5AKCB

Ayisaa agya ne nea odi akunafo asɛm ma wɔnne Onyankopɔn a ɔte nʼatenae kronkron hɔ.

AKCB: 6AKCB

Ɔma ohiani tena mmusua mu,na ɔde nnwonto yi nneduafo ma wɔde wɔn ho;na atuatewfo de, wɔtena asase a awo so.

AKCB: 7AKCB

Onyankopɔn, bere a wudii wo nkurɔfo anim,bere a wode wɔn faa sare so no,

AKCB: 8AKCB

asase wosowee,na ɔsoro tuee osu guu fam,wɔ Onyankopɔn, Sinai Nyankopɔn,Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn no anim.

AKCB: 9AKCB

Womaa osu tɔɔ bebree, Ao, Onyankopɔn,guu wʼagyapade a abotow no so ma ɛyɛɛ frɔmfrɔm.

AKCB: 10AKCB

Wo nkurɔfo bɔɔ atenase wɔ so,Onyankopɔn, wonam wʼadɔe bebree no so hwɛɛ ahiafo.

AKCB: 11AKCB

Awurade kaa asɛm no,na dodow no ara ne wɔn a wɔpaee mu kae;

AKCB: 12AKCB

“Ahemfo ne wɔn asraafo guan ntɛm so;mmea a wɔwɔ fie no kyɛ asade.

AKCB: 13AKCB

Mpo bere a woda nguanban mu no,wɔde dwetɛ duraa mʼaborɔnoma ntaban ho,de sikakɔkɔɔ a ɛhyerɛn guu wɔn ntakra so.”

AKCB: 14AKCB

Bere a Otumfo bɔɔ ahene a wɔwɔ asase no so hwetee no,na ɛte sɛ sukyerɛmma a agu Bepɔw Salmon so.

AKCB: 15AKCB

Basan mmepɔw gyinagyina hɔ,Basan mmepɔw so yɛ abonkyiabonkyi.

AKCB: 16AKCB

Wo bepɔw abonkyiabonkyi, adɛn nti na wode ani bɔne hwɛbepɔw a Onyankopɔn ayi sɛ obedi so hene,faako a Awurade ankasa bɛtena afebɔɔ?

AKCB: 17AKCB

Onyankopɔn nteaseɛnam yɛ mpem mpemne mpem mpem mu mpem;Awurade fi Sinai aba ne kronkronbea.

AKCB: 18AKCB

Bere a woforo kɔɔ soro no,wode nnommum kaa wo ho;wunyaa ayɛyɛde fii nnipa hɔ,fii atuatewfo hɔ mpo,sɛ ɛbɛyɛ a wobɛtena hɔ, Awurade Nyankopɔn.

AKCB: 19AKCB

Ayeyi nka Awurade, nka Onyankopɔn yɛn Agyenkwa,nea ɔsoa yɛn nnesoa da biara no.

AKCB: 20AKCB

Yɛn Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn a ogye nkwa;na Awurade mu na owu tow fom yɛn.

AKCB: 21AKCB

Ampa ara Onyankopɔn bɛdwerɛw nʼatamfo ti,wɔn a wɔkɔ so yɛ bɔne ti kusuu no.

AKCB: 22AKCB

Awurade ka se, “Mede wɔn befi Basan aba;mede wɔn befi po bun mu aba,

AKCB: 23AKCB

na moanantew wɔn a wokyi mo no mogya muna mo akraman tɛkrɛma anya wɔn kyɛfa.”

AKCB: 24AKCB

Onyankopɔn, yɛahu wo santen yuu no,me Nyankopɔn ne me Hene santen yuu no a ɔde reba ne kronkronbea hɔ.

AKCB: 25AKCB

Nnwontofo no wɔ anim, na asankubɔfo no nso di so,na mmabaa a wɔrewosow akasae nso ka wɔn ho.

AKCB: 26AKCB

Monkamfo Onyankopɔn wɔ asafo kɛse no mu;monkamfo Awurade wɔ Israel nnipakuw no mu.

AKCB: 27AKCB

Abusuakuw ketewa, Benyamin na odi wɔn kan,Yuda mmapɔmma kuw kɛse no di so,na Sebulon ne Naftali mmapɔmma aba.

AKCB: 28AKCB

Kyerɛ wo tumi, Onyankopɔn;da wʼahoɔden adi kyerɛ yɛn, sɛnea woayɛ pɛn no.

AKCB: 29AKCB

Wʼasɔredan a ɛwɔ Yerusalem ntiahemfo de ayɛyɛde bɛbrɛ wo.

AKCB: 30AKCB

Ka aboa a ɔhyɛ mfea mu no anim,ne anantwinini kuw a wɔhyɛ amanaman no nantwimma mu no.Brɛ wɔn ase kosi sɛ wɔde dwetɛ mpɔw bɛba.Bɔ wɔn a wɔn ani gye ɔko ho no pansam.

AKCB: 31AKCB

Ananmusifo befi Misraim aba,na Kus de ne ho bɛma Onyankopɔn.

AKCB: 32AKCB

Wiase ahemman, monto dwom mma Onyankopɔn,monto ayeyi nnwom mma Awurade,

AKCB: 33AKCB

monto mma nea ɔte tete ɔsorosoro so no,na ɔde nne kɛse bobɔ mu no.

AKCB: 34AKCB

Mompae mu nka Onyankopɔn tumi,nea ne kɛseyɛ kata Israel so no,na ne tumi wɔ soro ɔsoro no.

AKCB: 35AKCB

Wo ho yɛ hu, Onyankopɔn, wɔ wo kronkronbea hɔ;Israel Nyankopɔn de tumi ne ahoɔden ma ne nkurɔfo.Ayeyi nka Onyankopɔn!Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛ “Sukooko.”