Skip to main content

Scripture

Nnwom 65

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 65 Bible text

AKCB: 1AKCB

Yɛn Nyankopɔn, ayeyi retwɛn wo wɔ Sion,na yebedi yɛn bɔ a yɛahyɛ wo no so.

AKCB: 2AKCB

Wo a woyɛ mpaebɔ tiefo,wo nkyɛn na nnipa nyinaa bɛba.

AKCB: 3AKCB

Bere a yɛn bɔne menee yɛn no,wo na wode yɛn mmarato kyɛɛ yɛn.

AKCB: 4AKCB

Nhyira nka wɔn a wuyi wɔnma wɔbɛn wo sɛ wɔntena wʼadiwo hɔ!Nneɛma pa a ɛwɔ wo fi ahyɛ yɛn ma,nea ɛwɔ wʼasɔredan kronkron mu no.

AKCB: 5AKCB

Wode trenee nnwuma a ɛyɛ nwonwa ma yɛn mmuae,Onyankopɔn, yɛn agyenkwa,asase so mmaa nyinaa anidasone po so akyirikyiri nso.

AKCB: 6AKCB

Wonam wo tumi so yɛɛ mmepɔwde daa wʼahoɔden adi.

AKCB: 7AKCB

Wudwudwoo po asorɔkye ano,asorɔkye no mmobɔwee,ne amanaman no hooyɛ.

AKCB: 8AKCB

Wɔn a wɔte akyirikyiri no suro wʼanwonwade;faako a ade kye, nea anwummere yera,wofrɛ ahurusi nnwom wɔ hɔ.

AKCB: 9AKCB

Wohwɛ asase no gugu so nsu;woma no yɛ asase pa ma ɛboro so.Wode nsu hyɛ Onyankopɔn nsuwansuwa masɛnea ɛbɛma nnipa no aduan,efisɛ saa ne nea woahyɛ.

AKCB: 10AKCB

Wofɔw nea woafuntum hɔ no fɔkyeena wokaa nkɔmoa no kataa so;wode nsu petee so ma no yɛɛ bɛtɛɛna wuhyiraa so afifide.

AKCB: 11AKCB

Wode nnɔbae bebree wiee afe no,na wo nteaseɛnam yɛɛ ma buu so.

AKCB: 12AKCB

Sare so nwura dɔɔsona anigye baa nkoko so.

AKCB: 13AKCB

Nguankuw ahyɛ adidibea hɔ mana awi akata aku no so;wɔbɔ ose, to ahosɛpɛw dwom.Wɔde ma dwonkyerɛfo.