Skip to main content

Scripture

Nnwom 66

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 66 Bible text

AKCB: 1AKCB

Asase nyinaa momfa ahosɛpɛw nteɛ mu mma Onyankopɔn!

AKCB: 2AKCB

Monto ne din anuonyamhyɛ ho dwom;momma nʼayeyi nyɛ anuonyamhyɛ!

AKCB: 3AKCB

Munse Onyankopɔn sɛ, “Wo nneyɛe yɛ nwonwa dodo!Wo tumi so mmorosoa wʼatamfo nyinaa de osuro kotow wʼanim.

AKCB: 4AKCB

Asase nyinaa kotow wo;wɔto ayeyi dwom ma wo,wɔto dwom kamfo wo din.”

AKCB: 5AKCB

Mommra mmɛhwɛ nea Onyankopɔn ayɛ;anwonwade a wayɛ wɔ nnipa mu.

AKCB: 6AKCB

Ɔmaa po yɛɛ asase kesee;wɔnantew twaa nsu nomommra mma yenni ahurusi wɔ no mu.

AKCB: 7AKCB

Ɔde ne tumi di hene daa daa,na ɔde nʼani nso hwɛ aman so.Mma atuatewfo nsɔre ntia no.

AKCB: 8AKCB

Aman nyinaa, munhyira yɛn Nyankopɔn,momma wɔnte mo nkamfo no nnyigyei;

AKCB: 9AKCB

wahwɛ yɛn nkwa sona wamma yɛn anan anwatiri.

AKCB: 10AKCB

Na wo, Onyankopɔn, wosɔɔ yɛn hwɛe;na wonan yɛn sɛ dwetɛ.

AKCB: 11AKCB

Wode yɛn koguu afiasena wode nneɛma a ɛyɛ duru too yɛn akyi.

AKCB: 12AKCB

Womaa yɛn atamfo twiw faa yɛn so;yɛfaa ogya ne nsu mu,nanso wode yɛn baa faako a nnepa abu so.

AKCB: 13AKCB

Mede ɔhyew afɔre bɛba wʼasɔredan muna madi bɔ a mahyɛ wo no so,

AKCB: 14AKCB

bɔ a mʼanofafa hyɛe, na mʼano kaabere a na mewɔ ɔhaw mu no.

AKCB: 15AKCB

Mede mmoa a wɔadɔ srade bɛbɔ afɔre ama wo;adwennini ayɛyɛde;mede anantwinini ne mpapo bɛbɔ afɔre.

AKCB: 16AKCB

Mommra mmetie, mo a musuro Onyankopɔn nyinaa;momma menka nea wayɛ ama me nkyerɛ mo.

AKCB: 17AKCB

Mede mʼano su frɛɛ no;na me tɛkrɛma yii no ayɛ.

AKCB: 18AKCB

Sɛ mede bɔne hyɛɛ me koma mu a,anka Awurade antie me.

AKCB: 19AKCB

Nanso nokware, Onyankopɔn atie me,wate me mpaebɔ.

AKCB: 20AKCB

Nhyira nka Onyankopɔn,a wampo me mpaebɔna wanyi nʼadɔe amfi me so.Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto.