Scripture
Nnwom 64
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 64 Bible text
Wɔhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ wɔn amumɔyɛ nhyehyɛe ho,wɔka sɛnea wobesum wɔn mfiri asie;wɔka se, “Hena na obehu yɛn?”
Wɔbɔ ntɛnkyew ho pɔw na wɔka se,“Yɛayɛ nhyehyɛe a ɛso nni koraa!”Ampa ara onipa koma ne nʼadwene yɛ anifere.
Ɔbɛdan wɔn ankasa tɛkrɛma atia wɔnna ɔde wɔn aba ɔsɛe mu;na wɔn a wobehu wɔn nyinaa de animka bɛbɔ wɔn ti nko.
Ma atreneefo nni ahurusi wɔ Awurade muna wɔmpɛ guankɔbea wɔ no mu;ma wɔn a wɔn koma mu tew nyinaa nyi no ayɛ!Wɔde ma dwonkyerɛfo.