Skip to main content

Scripture

Nnwom 61

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 61 Bible text

AKCB: 1AKCB

Ao, Onyankopɔn, tie me sufrɛ;tie me mpaebɔ.

AKCB: 2AKCB

Mifi asase ano frɛ wo,mefrɛ wo, efisɛ me koma atɔ beraw;fa me kɔ ɔbotan a ɛware sen me no so.

AKCB: 3AKCB

Woayɛ me guankɔbea,aban a ɛyɛ den ma ɔtamfo no.

AKCB: 4AKCB

Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntamadan no mu afebɔɔna manya guankɔbea wɔ wo ntaban nwini ase.

AKCB: 5AKCB

Woate me bɔ a mehyɛe no, Onyankopɔn;na wode wɔn a wosuro wo din no agyapade ama me.

AKCB: 6AKCB

To ɔhene nkwanna mu bebree;na ne mfe mfi awo ntoatoaso nkodu awo ntoatoaso.

AKCB: 7AKCB

Ma onni hene wɔ Onyankopɔn anim daafa wʼadɔe ne wo nokware bɔ ne ho ban.

AKCB: 8AKCB

Afei mɛto ayeyi dwom ama wo din daana madi me bɔhyɛ so daa nyinaa.Wɔde ma dwonkyerɛfo. De ma Yedutun.