Scripture
Nnwom 62
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 62 Bible text
Mobɛkɔ so ahyɛ onipa so akosi da bɛn,mo nyinaa besum me ahwe fam ana?Ɔfasu a akyea yi, ban a ɛrebu yi?
Ampa, wɔayɛ adwene se wobetu noafi ne dibea a ɛkorɔn no so;wɔn ani gye atorodi ho.Wɔde wɔn ano hyirana wɔn koma mu de, wɔdome.
Mo nnipa, momfa mo ho nto ne so daa;monka mo koma mu nsɛm nyinaa nkyerɛ no,efisɛ Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea.
Nnipa nyinaa te sɛ home;akɛse ne nkumaa nyinaa nka hwee;sɛ wɔkari wɔn wɔ nsania so a, wɔnka hwee;wɔn nyinaa bɔ mu a wɔyɛ home nko.
Mommfa mo ho nto asisi sona monnhoahoa mo ho akorɔnne ho;ɛwɔ mu sɛ mo ahonya dɔɔso de,nanso mommfa mo koma nto so.