Skip to main content

Scripture

Nnwom 60

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 60 Bible text

AKCB: 1AKCB

Onyankopɔn, woapo yɛn, woabɔ yɛn agu;wo bo afuw yɛn, nanso gye yɛn bio!

AKCB: 2AKCB

Woawosow asase no na woapae mu;toatoa nea abubu no, efisɛ ɛrehinhim.

AKCB: 3AKCB

Woama wo nkurɔfo ahu mmere bɔne;woama yɛn nsa a ɛma yɛtɔ ntintan.

AKCB: 4AKCB

Nanso wɔn a wosuro wo de, woama wɔn frankaa sosɛ wontu ntia agyan no.

AKCB: 5AKCB

Gye yɛn nkwa na fa wo nsa nifa boa yɛn,na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.

AKCB: 6AKCB

Onyankopɔn akasa afi ne kronkronbea se,“Nkonim mu, mɛkyɛ Sekem mu,na masusuw Sukot bon no.

AKCB: 7AKCB

Gilead yɛ me de; Manase nso saa ara;Efraim yɛ me dade kyɛw,Yuda yɛ mʼahempema.

AKCB: 8AKCB

Moab yɛ me guasɛn,Edom so na metow me mpaboa gu;na meteɛ mu nkonimdi so gu Filistifo so.”

AKCB: 9AKCB

Hena na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu?Hena na obedi mʼanim akɔ Edom?

AKCB: 10AKCB

Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woapo yɛnna wo ne yɛn asraafo nkɔ ɔsa bio ana?

AKCB: 11AKCB

Boa yɛn tia ɔtamfo no,na ɔdesani mmoa nka hwee.

AKCB: 12AKCB

Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yebedi nkonim,na obetiatia yɛn atamfo so.Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto.